Dwom 49
Koramma dwom.
Muntie, mo saa nnipa yi nyinaa;
monyɛ aso, mo a mowɔ wiase yi mu nyinaa,
nea ɔyɛ abomfiaa ne nea odi mu,
adefo ne ahiafo nyinaa.
Mʼano bɛka anyansasɛm;
nsɛm a efi me koma mu bɛma nhumu.
Mɛbrɛ mʼaso ase atie mmebusɛm;
na sanku na mede bɛkyerɛ mʼabisae ase.
 
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro, bere a nna bɔne aba,
bere a amumɔyɛfo nnaadaafo atwa me ho ahyia,
wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya so
na wɔde wɔn ade dodow hoahoa wɔn ho?
Onipa biara rentumi nnye ne yɔnko nkwa
na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn,
nkwa ho mpata bo yɛ den,
akatua biara renso,
sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ
a ɔrenhu porɔwee.
10 Obiara nim pefee sɛ anyansafo wu;
saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu,
na wogyaw wɔn ahonya hɔ ma afoforo.
11 Wɔn nna bɛyɛ wɔn afi afebɔɔ,
wɔn atenae wɔ awo ntoatoaso bere a enni awiei mu,
ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn din atoto nsase so.
 
12 Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa;
ɔte sɛ mmoa a wowu no ara.
 
13 Eyi ne nea ɛda hɔ ma wɔn a wogye wɔn ho di,
ne wɔn akyidifo a wɔfoa wɔn nsɛm so.
14 Wɔte sɛ nguan, na wɔbɛkɔ ɔda mu,
na owu de wɔn bɛyɛ nʼaduan.
Atreneefo bedi wɔn so anɔpa;
wɔn nipadua bɛporɔw wɔ ɔda mu,
na wɔne wɔn adan akɛse no ntam akwan bɛware.
15 Nanso Onyankopɔn begye me afi ɔda mu;
ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn.
 
16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnnhaw wo;
na sɛ ne fi anigye yɛ bebree a, mma ɛnnhaw wo;
17 efisɛ, sɛ owu a ɔremmfa hwee nkɔ,
nʼanuonyam ne no renkɔ amoa mu.
18 Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no,
efisɛ wɔkamfo nnipa bere a wodi yiye,
19 nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho,
wɔn a wɔrenhu nkwa hann ara da no.
 
20 Onipa a ɔwɔ ahonya na onni nhumu no
te sɛ mmoa a wowu.