Dwom 50
Asaf dwom.
Tweduampɔn, Onyankopɔn, Awurade no kasa,
na ɔfrɛ asase nyinaa
efi apuei kosi atɔe.
Onyankopɔn hyerɛn fi Sion
kurow a ne fɛ wie pɛyɛ.
Yɛn Nyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm;
ogya a ɛhyew nneɛma di nʼanim,
ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.
Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase,
sɛ ɔrebu ne nkurɔfo atɛn;
Ɔka se, “Boaboa nnipa a wɔatew wɔn ho no ano ma me;
wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me yɛɛ apam no.”
Ɔsoro pae mu ka ne trenee,
na Onyankopɔn ankasa ne otemmufo.
 
“Muntie, me nkurɔfo, na mɛkasa,
medi adanse atia wo, Israel;
Mene Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no.
Merenka mo anim wɔ mo afɔrebɔde
anaa mo hyew afɔre a ɛwɔ mʼanim daa no ho.
Anantwinini a wofi mo mfuw so
anaa mpapo a wofi mo buw mu ho nhia me,
10 efisɛ kwae mu aboa biara yɛ me de,
anantwi a wɔwɔ nkoko mpempem so nso saa ara.
11 Minim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔw no so,
na wuram abɔde nyinaa yɛ me de.
12 Sɛ ɔkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo;
efisɛ, wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ me de.
13 Mewe anantwinini nam,
na menom mpapo mogya ana?
14 Momfa aseda afɔre mma Onyankopɔn,
na munni bɔ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so,
15 na momfrɛ me hiada;
na megye mo na moahyɛ me anuonyam.”
16 Nanso amumɔyɛfo de, Onyankopɔn bisa wɔn se,
“Adɛn nti na moka me mmara
na mʼapam da mo ano?
17 Mukyi me nkyerɛkyerɛ,
na motow me nsɛm gu mo akyi.
18 Sɛ muhu ɔkorɔmfo a mode mo ho bɔ no;
na mo ne nguaman nso bɔ.
19 Mode mo ano yɛ bɔne,
na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano.
20 Mokasa tia mo nuabarima bere biara
na mosopa mo ankasa na ba.
21 Moayɛ eyinom nyinaa; nanso manka hwee,
enti mususuw sɛ mete sɛ mo.
Nanso mɛka mo anim,
na mede mo sobo asi mo anim.
 
22 “Munnwen eyi ho, mo a mo werɛ fi Onyankopɔn,
anyɛ saa a, mɛtetew mo mu nketenkete a obiara remmegye mo;
23 Nea ɔbɔ aseda afɔre no hyɛ me anuonyam,
na osiesie kwan
sɛnea mɛda Onyankopɔn nkwagye adi akyerɛ no.”
Wɔde ma dwonkyerɛfo.