Dwom 52
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo bere a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid akɔ Ahimelek fi” no.
Ɔkɛse, adɛn nti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho?
Adɛn nti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa,
wo a woyɛ animguasede wɔ Onyankopɔn ani so?
Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛe ho pɔw;
ɛte sɛ oyiwan a ano yɛ nam yiye.
Wo a wutwa nkontompo nko ara.
Wʼani gye bɔne ho sen papa,
wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nokware.
Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba,
wo tɛkrɛma daadaafo!
 
Ampa ara Onyankopɔn de ɔsɛe a enni awiei bɛbrɛ wo;
ɔbɛtwe wo afi wo ntamadan mu na watetew wo mu;
Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefo asase so.
Atreneefo behu eyi na wɔasuro;
wɔbɛserew no na wɔaka se,
“Hwɛ, onipa no ni,
nea wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandennen
na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodow so,
na onyaa ahoɔden de sɛee afoforo no!”
 
Nanso mete sɛ ngodua a
ɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi:
mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so
daa nyinaa.
Meyi wo ayɛ daa wɔ nea woayɛ nti;
wo din so na mʼani bɛda, efisɛ eye.
Meyi wo ayɛ wɔ wʼahotefo anim.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “mahalat” sanku nne na ɛto.