Dwom 51
Dawid dwom a ɔtoo no bere a ɔde ne ho kaa Batseba na odiyifo Natan kɔɔ ne nkyɛn no.
Ao, Onyankopɔn hu me mmɔbɔ,
sɛnea wʼadɔe a ɛnsa da no te;
wʼahummɔbɔ kɛse no nti,
pepa me mmarato.
Hohoro mʼamumɔyɛ nyinaa
na tew me ho fi me bɔne mu!
Na mahu me mmarato,
na mekae me bɔne daa.
Mayɛ mfomso atia wo; atia wo nko ara
na mayɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so,
enti wudi bem wɔ wʼatemmu mu
na woteɛ wɔ wʼatemmu mu.
Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu,
na bɔne mu na me na nyinsɛn me.
Ampa ara nokware na wohwehwɛ wɔ me mu.
Wokyerɛ me nyansa a mu dɔ.
 
Fa adwerɛ hohoro me ho, na me ho afi;
guare me, na mɛhoa asen sukyerɛmma.
Ma mente ahosɛpɛw ne anigye nka;
na ma nnompe a woabubu no nni ahurusi.
Kata wʼani wɔ me bɔne ho
na pepa mʼamumɔyɛ nyinaa.
 
10 Ao, Onyankopɔn, bɔ koma a mu tew wɔ me mu,
na yɛ honhom a atim no foforo wɔ me mu.
11 Mpam me mfi wʼanim,
na nyi wo Honhom Kronkron mfi me mu.
12 Fa wo nkwagye mu anigye no ma me bio,
na ma me ɔpɛ honhom a ɛbɛma magyina.
 
13 Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfo wʼakwan,
na amumɔyɛfo bɛsan aba wo nkyɛn.
14 Ao, Onyankopɔn, gye me fi mogya ho afɔdi mu.
Onyame a wugye me nkwa,
na me tɛkrɛma bɛto wo trenee ho dwom.
15 Awurade, bue mʼano fafa,
na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayeyi.
16 Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ;
wʼani nnye ɔhyew afɔre ho.
17 Onyankopɔn afɔre yɛ honhom a abotow,
Onyankopɔn,
worempo ahonu ne ahobrɛase koma.
18 Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛma Sion anya nkɔso wɔ wʼanigye mu;
na woasi Yerusalem afasu.
19 Afei wʼani begye ɔtreneeni afɔrebɔ ho,
ɔhyew afɔre a edi mu;
na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔre wʼafɔremuka so.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.