Dwom 55
Dawid “maskil” dwom.
Ao Onyankopɔn, tie me mpaebɔ,
mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so,
tie me na gye me so.
Me dadwen haw me na ama mayɛ basaa,
esiane nea me tamfo reka,
esiane omumɔyɛfo ahunahuna nti;
efisɛ wɔde amanehunu ba me so;
na wofi wɔn abufuw mu kum me.
 
Me koma wɔ ahoyeraw mu;
na owu huboa aba me so.
Ehu ne ahopopo akyekyere me.
Ahodwiriw abu afa me so.
Mekae se, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburu a,
anka metu akɔ ama me ho atɔ me,
anka metu akɔ akyirikyiri
akɔtena sare so;
anka mɛyɛ ntɛm akɔ me hintabea,
faako a mframahweam ne ahum mmɛn koraa.”
 
Awurade, ma amumɔyɛfo nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto,
efisɛ mihu basabasayɛ ne aperepere wɔ kuropɔn no mu.
10 Awia ne anadwo wɔtetɛw nʼafasu ho;
adwemmɔne ne asisi wɔ mu.
11 Adesɛefo dɔm reyɛ adwuma wɔ kuropɔn no mu.
Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔnten so daa.
 
12 Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔresopa me a,
anka metumi agyina ano;
sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔrema ne ho so atia me a,
anka metumi de me ho ahintaw no.
13 Nanso ɛyɛ wo, ɔdesani te sɛ me,
me yɔnko, mʼadamfo kann,
14 a kan no na me ne no wɔ ayɔnkofa a mu yɛ den
bere a yɛn nyinaa bɔɔ mu yuu kɔɔ Onyankopɔn fi na yɛka asomfo no ho no.
 
15 Ma owu mmɛfa mʼatamfo mpofirim;
ma wɔnkɔ ɔda mu anikann,
efisɛ bɔne te wɔn mu.
 
16 Nanso misu frɛ Onyankopɔn,
na Awurade gye me nkwa.
17 Anwummere, anɔpa ne awia,
mede mmɔborɔnne su frɛ no,
na ɔte me nne.
18 Ɔde ne ho bɔ afɔre ma minya me ti didi mu
wɔ ako a wodi tia me no mu,
mpo dodow na wɔsɔre tia me.
19 Onyankopɔn a wɔasi no hene afebɔɔ no,
ɔbɛte wɔn nka na wahaw wɔn,
ɔbɛhaw nnipa a wɔnsakra wɔn akwan da
na wonsuro Onyankopɔn nso.
 
20 Me yɔnko tow hyɛ ne nnamfonom so;
na obu nʼapam so.
21 Ɔwɔ tɛkrɛmawo,
nanso ɔtan wɔ ne koma mu.
Nʼano asɛm dwudwo sen ngo,
nanso ɛyɛ afoa a wɔatwe.
 
22 Fa wo haw to Awurade so
na ɔno na obegye wo;
ɔremma ɔtreneeni nhwe ase.
23 Nanso wo, Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumɔyɛfo ase
ama wɔakɔ ɔporɔw amoa mu;
mogyapɛfo ne nnaadaafo
renni wɔn nkwanna mu fa.
 
Nanso me de, mede me ho to wo so.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Aburuburu a osi Akyirikyiri Odum so,” nne so.