Dwom 56
Dawid dwom a ɔtoo bere a Filistifo kyeree no wɔ Gat no.
Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibere so;
da mu nyinaa womia wɔn taa no mu.
Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa;
wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no dɔɔso.
 
Sɛ mebɔ hu a,
mede me ho bɛto wo so.
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,
mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro.
Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?
 
Da mu nyinaa wogye mʼano si bɔne;
bere biara wɔbɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe me.
Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw,
wɔhwɛ mʼanammɔntu,
susuw sɛ wobekum me.
 
Wɔn amumɔyɛ nti mma wɔmmfa wɔn ho nni;
Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuw mu.
Kyerɛw me kwadwom to hɔ;
sese me nusu wɔ wo nhoma mmobɔwee no mu.
Enni nea woakyerɛw ato hɔ no mu ana?
 
Sɛ mepɛ mmoa fi wo hɔ a,
mʼatamfo bɛsan wɔn akyi.
Eyi bɛma mahu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.
10 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,
Awurade a mekamfo nʼasɛm no,
11 mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro.
Dɛn na ɔdesani betumi ayɛ me?
 
12 Me Onyankopɔn, mehyɛ bɔ a mahyɛ wo no ase,
mede mʼaseda afɔre bɛbrɛ wo.
13 Efisɛ, woagye me afi owu mu,
na mʼanan anhintiw,
na matumi anantew Onyankopɔn anim
wɔ nkwa hann no mu.
Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” nne so.