Dwom 59
Wɔto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” sanku nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no bere a Saulo soma kɔwɛn Dawid fi sɛ wonkokum no no.
Ao, Onyankopɔn, gye me fi mʼatamfo nsam;
bɔ me ho ban fi wɔn a wɔtaa me no ho.
Gye me fi amumɔyɛfo nsam.
Gye me nkwa fi mogyapɛfo nsam.
 
Hwɛ sɛnea wɔatɛw rehwehwɛ me akum me!
Nnipa a wɔn ho yɛ hu bɔ pɔw bɔne tia me
a emfi me mfomso anaa bɔne bi, Awurade.
Menyɛɛ mfomso bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛtow ahyɛ me so.
Sɔre begye me; hwɛ mʼamanehunu!
Wo, Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn,
ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso;
nhu amumɔyɛfo nkontompofo no mmɔbɔ.
 
Wɔsan ba anwummere,
wɔbobɔ mu sɛ akraman,
na wokyinkyin kuropɔn no mu.
Hwɛ nea wɔfe fi wɔn anom,
wɔn anofafa mu nsɛm ano yɛ nnam sɛ mfoa,
na wosusuw se: “Hena na ɔbɛte yɛn nka?”
Nanso wo Awurade, woserew wɔn;
wudi saa aman no nyinaa ho fɛw.
 
Wone mʼAhoɔden, mehwɛ wo kwan;
wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen,
10 me Nyankopɔn a metumi atweri no.
 
Onyankopɔn bedi mʼanim
na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haw.
11 Nanso nkum wɔn, Awurade, yɛn nkatabo,
na me nkurɔfo werɛ amfi wɔn.
Wo tumi mu no tutu wɔn ase,
na brɛ wɔn ase.
12 Bɔne a efi wɔn anom,
ne wɔn ano nsɛm nti
ma wɔn ahomaso nkyekyere wɔn.
Abususɛm a wɔka ne atoro a wotwa nti,
13 sɛe wɔn wɔ abufuwhyew mu,
kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre.
Afei ɛbɛma asase so mmaa nyinaa ahu
sɛ Onyankopɔn di Yakob so.
 
14 Wɔsan ba anwummere,
wɔbobɔ mu sɛ akraman,
na wokyinkyin kuropɔn no mu.
15 Wokyinkyin pɛ aduan
na sɛ wɔammee a, wosu bobɔ mu.
16 Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom,
mɛto wʼadɔe ho dwom anɔpa;
efisɛ woyɛ mʼabandennen,
me guankɔbea wɔ ahohia mmere mu.
 
17 Ao mʼAhoɔden, mɛto ayeyi dwom ama wo;
wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen, me Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Susan Edut.”