Dwom 60
Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no bere a ɔne Aram Naharanfo ne Aram Zobafo koe na Yoab san kokum Edomfo mpem dumien wɔ Nkyene Bon mu no.
Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛn agu;
wo bo afuw yɛn, nanso gye yɛn bio!
Woawosow asase no na woapae mu;
toatoa nea abubu no, efisɛ ɛrehinhim.
Woama wo nkurɔfo ahu mmere bɔne;
woama yɛn nsa a ɛma yɛtɔ ntintan.
 
Nanso wɔn a wosuro wo de, woama wɔn frankaa so
sɛ wontu ntia agyan no.
 
Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn,
na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se,
“Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu,
na masusuw Sukot bon no.
Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara;
Efraim yɛ me dade kyɛw,
Yuda yɛ mʼahempema.
Moab yɛ me guasɛn,
Edom so na metow me mpaboa gu;
na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”
 
Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?
Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?
10 Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn
na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?
11 Boa yɛn tia ɔtamfo no,
na ɔdesani mmoa nka hwee.
12 Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim,
na obetiatia yɛn atamfo so.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.