Dwom 64
Dawid dwom.
Me Nyankopɔn, tie me, bere a mereka me haw;
bɔ me kra ho ban fi ɔtamfo ahunahuna ho.
Fa me sie fi amumɔyɛfo agyinatu ho,
ne nnebɔneyɛfo pɔwbɔ ho.
 
Wɔsew wɔn tɛkrɛma sɛ afoa
na wɔde atirimɔden nsɛm sɔn sɛ mmɛmma werɛmfo.
Wofi ahintawee mu, tow bɔ onipa a ne ho nni asɛm;
wɔtow bɔ no mpofirim a wonsuro.
 
Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumɔyɛ nhyehyɛe ho,
wɔka sɛnea wobesum wɔn mfiri asie;
wɔka se, “Hena na obehu yɛn?”
Wɔbɔ ntɛnkyew ho pɔw na wɔka se,
“Yɛayɛ nhyehyɛe a ɛso nni koraa!”
Ampa ara onipa koma ne nʼadwene yɛ anifere.
 
Nanso Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn;
na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ.
Ɔbɛdan wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn
na ɔde wɔn aba ɔsɛe mu;
na wɔn a wobehu wɔn nyinaa de animka bɛbɔ wɔn ti nko.
 
Adesamma nyinaa besuro;
wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma
na wɔasusuw nea wayɛ ho.
10 Ma atreneefo nni ahurusi wɔ Awurade mu
na wɔmpɛ guankɔbea wɔ no mu;
ma wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa nyi no ayɛ!
Wɔde ma dwonkyerɛfo.