Dwom 63
Dawid dwom. Bere a ɔwɔ Yuda Sare so no na ɔtoe.
Wo, Onyankopɔn, ne me Nyankopɔn
Mehwehwɛ wo anibere so;
wo ho sukɔm de me kra,
me nipadua ani agyina wo,
wɔ asase a awo na asade nni mu so,
faako a nsu nni.
 
Mahu wo wɔ Kronkronbea hɔ
mahu wo tumi ne wʼanuonyam.
Esiane sɛ wʼadɔe di mu sen nkwa nti
mʼanofafa bɛhyɛ wo anuonyam.
Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo,
na wo din mu na mɛma me nsa so.
Me kra bɛmee sɛnea wadi aduan papa bi;
mede anofafa a ɛto dwom beyi wo ayɛ.
 
Meda me mpa so a, mekae wo.
Anadwo dasu mu nyinaa, midwen wo ho.
Efisɛ wone me boafo,
wo ntaban ase nwini mu na mɛto dwom.
Me kra bata wo ho;
na wo nsa nifa kura me mu.
 
Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe;
wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.
10 Wɔbɛdan wɔn ama afoa
na wɔbɛyɛ aduan ama sakraman.
 
11 Nanso ɔhene bedi ahurusi wɔ Onyankopɔn mu;
wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no,
na wobemua atorofo ano.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.