Dwom 67
Dwom.
Onyankopɔn nnom yɛn na onhyira yɛn
ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,
na ɔmma wonhu nʼakwan wɔ asase so,
ne ne nkwagye wɔ amanaman no nyinaa mu.
Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn;
ma nnipa nyinaa nkamfo wo.
Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw dwom,
efisɛ wudi nnipa no so trenee mu
na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.
Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn;
ma nnipa nyinaa nkamfo wo!
 
Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbae,
na Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ahyira yɛn.
Onyankopɔn behyira yɛn,
na asase mmaa nyinaa besuro no.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.