Dwom 68
Dawid dwom.
Ma Onyankopɔn nsɔre, ma nʼatamfo nhwete;
wɔn a wɔtan no no nguan mfi nʼanim.
Sɛnea mframa bɔ wusiw gu no,
saa ara na bɔ wɔn gu;
sɛnea srade nan wɔ ogya so no,
saa ara na amumɔyɛfo nyera mfi Onyankopɔn anim.
Nanso ma atreneefo ani nnye
na wɔnsɛpɛw wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim;
ma wɔn ho ntɔ wɔn na wonni ahurusi.
 
To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ.
Ma nea ɔnantew omununkum so no din so.
Ne din ne Awurade;
ma wʼani nnye wɔ nʼanim.
Ayisaa agya ne nea odi akunafo asɛm ma wɔn
ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenae kronkron hɔ.
Ɔma ohiani tena mmusua mu,
na ɔde nnwonto yi nneduafo ma wɔde wɔn ho;
na atuatewfo de, wɔtena asase a awo so.
Onyankopɔn, bere a wudii wo nkurɔfo anim,
bere a wode wɔn faa sare so no,
asase wosowee,
na ɔsoro tuee osu guu fam,
wɔ Onyankopɔn, Sinai Nyankopɔn,
Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no anim.
Womaa osu tɔɔ bebree, Ao, Onyankopɔn,
guu wʼagyapade a abotow no so ma ɛyɛɛ frɔmfrɔm.
10 Wo nkurɔfo bɔɔ atenase wɔ so,
Onyankopɔn, wonam wʼadɔe bebree no so hwɛɛ ahiafo.
 
11 Awurade kaa asɛm no,
na dodow no ara ne wɔn a wɔpaee mu kae;
12 “Ahemfo ne wɔn asraafo guan ntɛm so;
mmea a wɔwɔ fie no kyɛ asade.
13 Mpo bere a woda nguanban mu no,
wɔde dwetɛ duraa mʼaborɔnoma ntaban ho,
de sikakɔkɔɔ a ɛhyerɛn guu wɔn ntakra so.”
14 Bere a Otumfo bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hwetee no,
na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Bepɔw Salmon so.
 
15 Basan mmepɔw gyinagyina hɔ,
Basan mmepɔw so yɛ abonkyiabonkyi.
16 Wo bepɔw abonkyiabonkyi, adɛn nti na wode ani bɔne hwɛ
bepɔw a Onyankopɔn ayi sɛ obedi so hene,
faako a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ?
17 Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ mpem mpem
ne mpem mpem mu mpem;
Awurade fi Sinai aba ne kronkronbea.
18 Bere a woforo kɔɔ soro no,
wode nnommum kaa wo ho;
wunyaa ayɛyɛde fii nnipa hɔ,
fii atuatewfo hɔ mpo,
sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Awurade Nyankopɔn.
 
19 Ayeyi nka Awurade, nka Onyankopɔn yɛn Agyenkwa,
nea ɔsoa yɛn nnesoa da biara no.
20 Yɛn Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ogye nkwa;
na Awurade mu na owu tow fom yɛn.
 
21 Ampa ara Onyankopɔn bɛdwerɛw nʼatamfo ti,
wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne ti kusuu no.
22  Awurade ka se, “Mede wɔn befi Basan aba;
mede wɔn befi po bun mu aba,
23 na moanantew wɔn a wokyi mo no mogya mu
na mo akraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.”
 
24 Onyankopɔn, yɛahu wo santen yuu no,
me Nyankopɔn ne me Hene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ.
25 Nnwontofo no wɔ anim, na asankubɔfo no nso di so,
na mmabaa a wɔrewosow akasae nso ka wɔn ho.
26 Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛse no mu;
monkamfo Awurade wɔ Israel nnipakuw no mu.
27 Abusuakuw ketewa, Benyamin na odi wɔn kan,
Yuda mmapɔmma kuw kɛse no di so,
na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba.
 
28 Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn;
da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛnea woayɛ pɛn no.
29 Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem nti
ahemfo de ayɛyɛde bɛbrɛ wo.
30 Ka aboa a ɔhyɛ mfea mu no anim,
ne anantwinini kuw a wɔhyɛ amanaman no nantwimma mu no.
Brɛ wɔn ase kosi sɛ wɔde dwetɛ mpɔw bɛba.
Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam.
31 Ananmusifo befi Misraim aba,
na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn.
 
32 Wiase ahemman, monto dwom mma Onyankopɔn,
monto ayeyi nnwom mma Awurade,
33 monto mma nea ɔte tete ɔsorosoro so no,
na ɔde nne kɛse bobɔ mu no.
34 Mompae mu nka Onyankopɔn tumi,
nea ne kɛseyɛ kata Israel so no,
na ne tumi wɔ soro ɔsoro no.
35 Wo ho yɛ hu, Onyankopɔn, wɔ wo kronkronbea hɔ;
Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfo.
 
Ayeyi nka Onyankopɔn!
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛ “Sukooko.”