Dwom 7
Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti ɔto maa Awurade.
Awurade me Nyankopɔn,
miguan toa wo;
Gye me fi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,
anyɛ saa a wɔbɛtetew me mu sɛ gyata
na wɔatetew me mu asinasin a
obiara rentumi nnye me.
Awurade me Nyankopɔn, sɛ mayɛ eyi
na sɛ afɔdi aba me so a,
sɛ mayɛ bɔne atia nea ɔne me te yiye,
anaasɛ mabɔ me tamfo korɔn kwa a,
ɛno de ma mʼatamfo ntaa me na wɔmmɛto me;
ma wontiatia me so wɔ fam,
na wɔmma me funu nna mfutuma mu.
 
Sɔre wɔ wʼabufuw mu, Awurade!
Sɔre tia mʼatamfo abufuw.
Nyan, me Nyankopɔn; hyɛ atɛntrenee mmara.
Ma nnipadɔm mmetwa wo ho nhyia.
Fi ɔsoro hɔ di wɔn so;
ma Awurade mmu nnipa no atɛn.
Bu me atɛn, Awurade sɛnea me trenee te,
sɛnea me nokwaredi te, Ao, Ɔsorosoroni.
Onyankopɔn treneeni,
wo a wohwehwɛ adwene ne koma mu,
fa amumɔyɛfo basabasayɛ bra awiei
na ma atreneefo nnya bammɔ.
 
10 Me nkatabo ne Ɔsorosoro Nyankopɔn
nea ogye koma mu treneeni no.
11 Onyankopɔn yɛ otemmufo treneeni,
Onyame a ɔda nʼabufuwhyew adi da biara.
12 Sɛ wansesa nʼadwene a,
ɔbɛsew nʼafoa ano;
obekuntun ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.
13 Wasiesie nʼakode a ɛyɛ hu;
ayɛ ne bɛmma a ɛredɛw no krado.
 
14 Nea onyinsɛn amumɔyɛ
na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.
15 Nea otu tokuru, na oyi mu dɔte no
hwe tokuru a watu no mu.
16 Ɔhaw a ɔde ba no dan bɔ nʼankasa so;
ne basabasayɛ bɔ nʼankasa ti so.
 
17 Mede aseda bɛma Awurade,
ne trenee nti,
na mato ayeyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ.
Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no “gittit” sanku nne so.