Dwom 6
Dawid dwom.
Awurade nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu,
na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuwhyew mu.
Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ meyɛ mmrɛw;
Awurade sa me yare
na me nnompe wɔ ahoyeraw mu.
Me kra wɔ ahohia mu.
Enkosi da bɛn, Ao Awurade, enkosi da bɛn?
 
San bra, Awurade, na begye me nkwa;
gye me, wo dɔ a enni nhuammɔ no nti.
Obi a wawu no renkae wo da,
hena na ofi ɔda mu kamfo wo?
 
Apinisi ama mayɛ mmerɛw.
Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔw me mpa,
na me nusu fɔw me sumii.
Awerɛhow ama mʼani so ayɛ me kusuu.
Ɛredum; mʼatamfo nyinaa nti.
 
Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho!
efisɛ Awurade ate me sufrɛ.
Awurade ate me mmɔborɔsu;
Awurade tie me sufrɛ.
10 Mʼatamfo nyinaa anim begu ase
na wɔn ho adwiriw wɔn;
na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi.