Dwom 71
Awurade, wo mu na maguan ahintaw;
mma mʼanim ngu ase da.
Wo trenee no nti, yi me na gye me;
tie me na gye me nkwa.
Yɛ me nkwagye botan,
faako a metumi akɔ daa;
hyɛ ma wommegye me nkwa,
na wone me botan ne mʼabandennen.
Me Nyankopɔn, gye me fi amumɔyɛfo nsam,
gye me fi nnebɔneyɛfo ne atirimɔdenfo nsam.
 
Na woayɛ mʼanidaso, Asafo Awurade,
mʼahotoso fi me mmabun bere mu.
Mede me ho ato wo so fi awo mu;
wo na wuyii me fii me na yafunu mu.
Mɛkamfo wo daa.
Mayɛ nsɛnkyerɛnne ama bebree,
nanso wo ne me guankɔbea dennen.
Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma,
mekamfo wʼanuonyam da mu nyinaa.
 
Ntow me nkyene bere a mabɔ akwakoraa;
mʼahoɔden sa wɔ me mu a, nnyaw me.
10 Efisɛ mʼatamfo kasa tia me
wɔn a wɔtwɛn sɛ wobekum me no bɔ mu pam me ti so.
11 Wɔka se, “Onyankopɔn agyaw no mu;
momma yentiw no na yɛnkyere no,
na obiara nni hɔ a obegye no.”
12 Me Nyankopɔn, mfi me nkyɛn nkɔ akyiri;
Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.
13 Ma wɔn a wɔbɔ me sobo no nsɛe wɔ animguase mu;
wɔn a wɔpɛ sɛ wopira me no
ma ahohora ne animguase nkata wɔn so.
 
14 Nanso me de, menya anidaso daa;
mɛkɔ so akamfo wo.
15 Mɛka wo trenee ho asɛm,
ne wo nkwagye da mu nyinaa,
nanso minnim ano.
16 Otumfo Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛse no;
mɛpae mu aka wo trenee, wo nko ara de no, akyerɛ.
17 Onyankopɔn, efi me mmabun bere na wokyerɛkyerɛɛ me,
na ebesi nnɛ yi meka wʼanwonwade a woayɛ kyerɛ.
18 Mpo sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen a,
Onyankopɔn, nnyaw me,
kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma,
ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.
 
19 Onyankopɔn, wo trenee du ɔsorosoro,
wo a woayɛ nneɛma akɛse.
Onyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?
20 Mmom woama mahu ɔhaw bebree a ɛyɛ yaw;
nanso wobɛma me nkwa bio;
na wubeyi me bio,
afi asase yam.
21 Wobɛhyɛ me anuonyam bebree
na woakyekye me werɛ bio.
 
22 Mede sanku bɛkamfo wo
me Nyankopɔn, wo trenee nti
mɛto wʼayeyi dwom wɔ sankuten so,
Israel Kronkronni.
23 Mʼanofafa de anigye bɛteɛ mu
bere a meto dwom kamfo wo,
me a woagye me no.
24 Me tɛkrɛma bɛka wo trenee nnwuma
da mu nyinaa,
efisɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no
kɔ animguase ne basaayɛ mu.