Dwom 70
Dawid adesrɛ dwom.
Ao, Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa;
Awurade bra ntɛm bɛboa me.
Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no
anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;
ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaa
mfa animguase nsan wɔn akyi.
Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no
nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.
Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa
nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;
ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,
“Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!”
 
Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo;
Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm.
Wo ne me boafo ne me gyefo;
Awurade, ntwentwɛn wʼanan ase.