NHOMA A ƐTO SO ABIƐSA
73
Nnwom 73–89
Asaf dwom.
Ampa ara Onyankopɔn ye ma Israel,
oye ma wɔn a wɔn koma mu tew.
 
Nanso me de, anka me nan reyɛ awatiri;
anka merehwere me nnyinaso,
efisɛ mʼani beree ahantanfo
bere a mihuu amumɔyɛfo yiyedi no.
 
Wonni aperepere;
na wɔwɔ ahoɔden ne apɔwmuden.
Dadwen a ɛtaa ba nnipa so biara nna wɔn so;
ɔdesani haw biara nna wɔn so.
Enti ahantan yɛ wɔn kɔnmuade,
na wofura akakabensɛm.
Wɔn koma a apirim no mu na nnebɔne fi;
na wɔn amumɔyɛ adwene nni awiei.
Wɔserew afoforo na wɔka wɔn ho nsɛm a enye;
wɔde nhyɛso hunahuna afoforo wɔ ahomaso mu.
Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm,
na wɔn tɛkrɛma agye asase afa.
10 Ɛno nti wɔn nkurɔfo kɔ wɔn nkyɛn
na wonya nsu nom ma ebu so.
11 Wobisa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahu?
Na Ɔsorosoroni no wɔ nhumu ana?”
12 Sɛɛ na amumɔyɛfo no te,
hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyade.
 
13 Ampa ara, mannya hwee amfi me komamtew mu;
me nsa a enni fɔ no ayɛ ɔkwa.
14 Da mu nyinaa mihu amane;
anɔpa biara wɔtwe mʼaso.
 
15 Sɛ mekae se, “Mɛkasa saa” a,
anka midii wo mma no huammɔ.
16 Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte eyinom nyinaa ase,
nanso na ɛhyɛ me so
17 kosii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ;
ɛhɔ na metee nea awiei no ɛbɛba wɔn so no ase.
 
18 Ampa ara wode wɔn gu faako a hɔ yɛ toro
wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa.
19 Sɛnea wɔsɛe prɛko pɛ,
na ehu hwim wɔn kɔ no.
20 Ɛte sɛ adaeso, bere a onipa anyan,
Awurade, sɛ wokanyan wo ho a,
wubebu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a enni hɔ.
 
21 Bere a awerɛhow hyɛɛ me koma mu
na me honhom dii yaw no,
22 meyɛɛ sɛ obi a onnim hwee na onni adwene;
meyɛɛ sɛ aboa gyimfo wɔ wʼanim.
 
23 Nanso na me ne wo wɔ hɔ bere biara;
na wode wo nsa nifa aso me mu.
24 Wode wʼafotu kyerɛ me kwan;
na akyiri no, wode me bɛkɔ anuonyam mu.
25 Hena na mewɔ wɔ ɔsoro ka wo ho?
Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.
26 Me honam, ne me koma bedi me huammɔ,
nanso Onyankopɔn ne me koma ahoɔden
ne me kyɛfa daa nyinaa.
 
27 Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera.
Wosɛe wɔn a wonni wo nokware nyinaa.
28 Nanso me de, minim sɛ eye sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn.
Mede Otumfo Awurade ayɛ me guankɔbea;
mɛka wo nneyɛe nyinaa akyerɛ.