Dwom 74
Asaf dwom.
Ao, Onyankopɔn, adɛn nti na woapo yɛn koraa yi?
Adɛn nti na wʼabufuw hyew wʼadidibea nguan?
Kae nkurɔfo a wotɔɔ wɔn teteete no,
abusua a ɛyɛ wʼagyapade a wugyee wɔn no,
Bepɔw Sion, faako a wote hɔ.
Dan wʼanammɔntu kyerɛ saa nnwiriwii a ɛto ntwa da yi,
ɔtamfo no de saa ɔsɛe yi nyinaa aba wo kronkronbea no so.
 
Wʼatamfo bobɔɔ mu wɔ faako a wuhyiaa yɛn no;
wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraehyɛde wɔ hɔ.
Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua
de abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ.
Wɔde wɔn mmonnua ne nname
bubuu nnua a wɔasen adi ho adwinni no.
Wɔhyew wo kronkronbea no dwerɛbee;
woguu faako a wo Din te no ho fi.
Wɔkaa wɔ wɔn koma mu se, “Yebetiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!”
Wɔhyew baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so.
Wɔmmaa yɛn nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa biara;
adiyifo no asa,
na yɛn mu biara nnim nna dodow a ebedi.
10 Onyankopɔn, wʼatamfo bɛserew wo akosi da bɛn?
Wɔn a wokyi wo no begu wo din ho fi daa ana?
11 Adɛn nti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no?
Yi fi wʼatade mmobɔwee no mu na sɛe wɔn.
 
12 Nanso Onyankopɔn yɛ me hene fi tete;
wode nkwagye ba asase so.
13 Ɛyɛ wo na wode wo tumi paee po mu no;
wopɛtɛw nsu mu ɔwɔ no ti.
14 Wopɛtɛw Lewiatan no ti
na wode no maa sare so abɔde sɛ wɔn aduan.
15 Wo na womaa nsuwa ne nsuti tuei;
na womaa nsubɔnten a ɛsen yoyowee.
16 Adekyee wɔ wo na adesae nso yɛ wo dea;
wode owia ne ɔsram sisii hɔ.
17 Ɛyɛ wo na wototoo asase so ahye nyinaa;
wobɔɔ ahohuru ne awɔw mmere.
 
18  Awurade, kae sɛnea ɔtamfo no aserew wo,
sɛnea nkwaseafo agu wo din ho fi.
19 Mmfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa;
mma wo werɛ mfi wo nkurɔfo a wɔrehu amane no nkwa afebɔɔ.
20 Ma wʼapam no ho nhia wo,
efisɛ akakabensɛm ahyɛ asase no so sum mu ma.
21 Mma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no mmfa animguase nsan;
ma ahiafo ne mmɔborɔfo nkamfo wo din.
 
22 Ao, Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm;
kae sɛnea nkwaseafo serew wo da mu nyinaa.
23 Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteɛteɛmu so,
wʼatamfo gyegyeegyeyɛ a ɛkɔ soro daa no.
Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔnto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” nne so.