Dwom 75
Asaf dwom.
Onyankopɔn, yɛda wo ase,
yɛda wo ase, efisɛ wo Din abɛn;
nnipa ka wʼanwonwade kyerɛ.
 
Woka se, “Me na mehyɛɛ bere a ɛsɛ no;
ɛyɛ me na mibu atɛntrenee.
Sɛ asase ne so nnipa nyinaa wosow a,
me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.
Meka kyerɛ ahantanfo se, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’
na meka kyerɛ amumɔyɛfo nso se, ‘Mommma mo mmɛn so.
Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro;
mommfa animtiaabu nkasa.’ ”
 
Obiara mmfi apuei anaa atɔe
anaa sare no so a obetumi ama obi so.
Ɛyɛ Onyankopɔn na obu atɛn:
Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforo so.
Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam
nsa bi a etwa ahuru a wɔde nnuhuam afra ahyɛ no ma;
ohwie, na asase so amumɔyɛfo nyinaa
nom ma ɛka ase puw.
 
Me de, mɛpae mu aka eyi daa daa;
mɛto ayeyi dwom ama Yakob Nyankopɔn.
10 Mebubu amumɔyɛfo nyinaa mmɛn,
na atreneefo mmɛn de, wɔbɛma so.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.