Dwom 77
Asaf dwom.
Misu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa;
misu mefrɛɛ no sɛ ontie me.
Bere a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade;
metrɛw me nsa a ɛmpa abaw mu anadwo
na me kra ampene sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ.
 
Onyankopɔn mekaee wo, na misii apini;
medwenee, na me honhom tɔɔ beraw.
Woamma mʼani ankum;
amanehunu dodow nti, mantumi ankasa.
Medwenee nna a atwam no ho,
teteete mfe no ho;
mekaee me nnwom a na meto no anadwo.
Me koma dwenee ho na me honhom bisae se:
 
“Enti, Awurade bɛpo yɛn daa?
Ɔrenhu yɛn mmɔbɔ bio ana?
Nʼadɔe a ɛnsa da atu ayera koraa ana?
Na ne bɔhyɛ no, amma mu koraa ana?
Onyankopɔn werɛ afi sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufo ana?
Ɔde abufuw atwe nʼayamhyehye no asan ana?”
 
10 Afei misusuwii se, “Eyi de, mɛsrɛ:
mfe a Ɔsorosoroni no teɛɛ ne nsa nifa mu no.”
11 Mɛkae nneɛma a Awurade ayɛ;
yiw, mɛkae wo tete anwonwade no.
12 Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho
na masusuw wo nneyɛe akɛse nyinaa ho.
 
13 Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronkron.
Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Nyankopɔn?
14 Wone Onyankopɔn a woyɛ anwonwade;
wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu.
15 Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfo,
Yakob ne Yosef asefo no.
 
16 Onyankopɔn, nsu no huu wo,
nsu no huu wo na wɔpopoe;
bun no mpo ho wosowee.
17 Omununkum tɔɔ nsu,
aprannaa gyigyee wɔ ɔsoro;
na wo bɛmma paa gya dii akɔneaba.
18 Wʼaprannaa bobɔɔ mu wɔ mfɛtɛ no mu,
wʼanyinam hyerɛn wiase;
asase popoe, na ɛwosowee.
19 Wode wo kwan faa po mu,
wode faa nsu kɛse mu,
nanso wɔanhu wʼanammɔn.
 
20 Wonam Mose ne Aaron abasa so,
dii wo nkurɔfo anim sɛ nguankuw.