Dwom 78
Asaf dwom.
Me nkurɔfo, muntie me nkyerɛkyerɛ;
monyɛ aso mma mʼanom nsɛm.
Mɛkasa wɔ abebu mu,
mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,
nneɛma a yɛate na yɛahu;
nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.
Yɛremfa nkame wɔn mma;
yɛbɛka akyerɛ nkyirimma
Awurade nneyɛe a ɛfata nkamfo no,
ne tumi ne anwonwade a wayɛ no.
Ɔyɛɛ ahyɛde maa Yakob
na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel,
nea ɔhyɛɛ yɛn nenanom
sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,
sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma besua,
mpo mmofra a wonnya nwoo wɔn,
na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.
Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so,
na wɔn werɛ remfi ne nneyɛe,
na wobedi nʼahyɛde so.
Wɔrenyɛ sɛ wɔn nenanom,
a na wɔyɛ asoɔdenfo ne atuatewfo,
wɔn a wonni Onyankopɔn nokware wɔ wɔn koma mu
na woyɛ honhom mu atorofo ma no no.
 
Ɛwɔ mu sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan,
nanso ɔko da no woguanee;
10 Wɔanni Onyankopɔn apam no so,
wɔampɛ sɛ wodi ne mmara no so.
11 Wɔn werɛ fii nea wayɛ,
anwonwade a wayɛ akyerɛ wɔn no.
12 Ɔyɛɛ anwonwade wɔ wɔn nenanom anim,
wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so.
13 Ɔkyɛɛ po mu na ɔde wɔn faa mu.
Ɔmaa nsu no gyinaa sɛ afasu.
14 Ɔde omununkum dii wɔn anim awia
na ɔde ogyatɛn dii wɔn anim anadwo nyinaa.
15 Ɔpaee ɔbotan mu wɔ sare so,
na ɔmaa wɔn nsu a ɛdɔɔso sɛ po;
16 Ɔmaa asuti fii abotan mu
na ɔmaa nsu sen sɛ nsubɔnten.
 
17 Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no,
wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ sare no so.
18 Wɔhyɛɛ da kaa aduan a wɔpɛ,
de sɔɔ Onyankopɔn hwɛe.
19 Wɔkasa tiaa Onyankopɔn se,
“Onyankopɔn betumi ato pon wɔ sare so ana?
20 Ɔde ade bɔɔ ɔbotan mu no, nsu tue fii mu,
na nsuwa sen buu so.
Na obetumi ama yɛn aduan nso?
Obetumi ama ne nkurɔfo nam ana?”
21 Bere a Awurade tee nea wɔreka no, ne bo fuw yiye;
ne gya beguu Yakob so,
na nʼabufuwhyew sɔre tiaa Israel,
22 efisɛ na wonni Onyankopɔn mu gyidi
anaasɛ ne nkwagye mu ahotoso.
23 Nanso ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro wɔ ɔhyɛ so;
na obuee ɔsorosoro apon.
24 Ɔtɔɔ mana guu fam maa nnipa no sɛ wunni,
ɔmaa wɔn ɔsoro aduan.
25 Nnipa dii abɔfo aduan;
ɔmaa wɔn aduan a wobetumi adi nyinaa.
26 Ogyaa apuei mframa fi ɔsoro,
na ofi ne tumi mu bɔɔ atɔe mframa.
27 Ɔtɔɔ nam sɛ mfutuma guu wɔn so,
nnomaa a wotu bebree sɛ mpoano nwea.
28 Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenae,
ne wɔn ntamadan ho nyinaa.
29 Wodidi maa aduan no boroo wɔn so
efisɛ ɔmaa wɔn nea wɔhwehwɛ.
30 Nanso ansa na wobefi aduan a wɔhwehwɛ no ho,
bere a ɛhyehyɛ wɔn anom mpo no,
31 Onyankopɔn abufuw sɔree wɔn so;
okum ahoɔdenfo a wɔwɔ wɔn mu
twitwaa Israel mmerante gui.
 
32 Eyinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne;
nʼanwonwade akyi no, wɔannye anni.
33 Enti otwaa wɔn nna so te sɛ ahuru
yɛɛ wɔn mfe awiei huhuuhu.
34 Bere biara a Onyankopɔn bekum wɔn no, wɔhwehwɛ no
na wɔpere wɔn ho san ba ne nkyɛn.
35 Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan,
sɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no yɛ wɔn Gyefo.
36 Nanso wɔde wɔn ano bɛdaadaa no,
na wɔde wɔn tɛkrɛma atwa atoro akyerɛ no;
37 wɔn koma nni no nokware,
na wonni nʼapam no so.
38 Nanso na ɔyɛ ahummɔbɔ;
ɔde wɔn amumɔyɛ kyɛɛ wɔn
a wansɛe wɔn.
Mpɛn pii, ɔtwentwɛn nʼabufuw so
na wanhwie nʼabufuwhyew nyinaa.
39 Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa,
mframa bi a ɛbɔ twa mu na ɛnsan nʼakyi.
 
40 Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ sare no so hɔ,
na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anhow wɔ asase wosee no so!
41 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛɛ bere biara;
na woyii Israel Ɔkronkronni no abufuw.
42 Wɔn werɛ fii ne tumi no,
da a ogyee wɔn fii wɔn nhyɛsofo nsam no,
43 da a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne nwonwaso wɔ Misraim no
ne nʼanwonwade wɔ Soan mantam mu no.
44 Ɔmaa wɔn nsubɔnten dan mogya;
wɔantumi annom wɔn nsuten mu nsu.
45 Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaw wɔn
na mpɔtorɔ nso bɛsɛee wɔn asase.
46 Ɔmaa tɛwtɛw bedii wɔn mfuw so aduan
na ɔde wɔn nnɔbae nso maa mmoadabi.
47 Ɔde mparuwbo sɛee wɔn bobe
na ɔde sukyerɛmma sɛee wɔn ankye nnua.
48 Ɔde sukyerɛmma kum wɔn anantwi
ɔde anyinam kum wɔn nyɛmmoa.
49 Ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so,
abufuw, anibere ne ɔtan;
abɔfo asɛefo kuw no.
50 Ɔbɔɔ kwan maa nʼabufuw;
na wamfa wɔn nkwa ankyɛ wɔn,
mmom, ɔde wɔn maa ɔyaredɔm.
51 Okunkum Misraimfo mmakan nyinaa,
Ham ntamadan mu nnipa mu abakan.
52 Nanso oyii ne nkurɔfo fii mu sɛ nguankuw;
odii wɔn anim sɛ nguan wɔ sare no so.
53 Odii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro;
nanso wɔn atamfo de, po asorɔkye bu faa wɔn so.
54 Sɛɛ na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahye so,
bepɔw asase a ɔde ne nsa nifa gyee no.
55 Ɔpam amanaman a wɔwɔ wɔn anim no
na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapade;
ɔbɔɔ Israel mmusuakuw no atenase wɔ wɔn afi mu.
 
56 Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe,
na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no;
na wɔanni ne mmara so.
57 Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokware na wɔannya gyidi,
ahotoso nni wɔn mu na wɔte sɛ agyan a asɛe.
58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuw
na wɔn ahoni maa ne ninkutwe mu yɛɛ den.
59 Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuwii;
na ɔpoo Israel korakora.
60 Ogyaw nʼatenae a ɛwɔ Silo no,
ntamadan a wasi wɔ nnipa mu no.
61 Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommum mu,
nʼanuonyam kɔɔ atamfo nsam.
62 Ɔde ne nkurɔfo maa afoa;
ne bo fuw nʼagyapade yiye.
63 Ogya hyew wɔn mmerante kum wɔn,
na wɔn mmabaa annya ayeforohyia dwom anto;
64 Wɔn asɔfo wuwuu afoa ano,
na wɔn akunafo antumi ansu.
 
65 Afei Awurade sɔree sɛnea ofi nna mu no,
sɛnea ɔbarima a wabow nsa nyan fi nnahɔɔ mu no.
66 Ɔbobɔɔ nʼatamfo ma woguan kɔɔ wɔn akyi;
ɔhyɛɛ wɔn aniwu afebɔɔ.
67 Afei ɔpoo Yosef ntamadan no,
na wamfa Efraim abusuakuw no nso;
68 Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuw no,
Bepɔw Sion a ɔdɔ no no.
69 Osii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea,
te sɛ asase a etim hɔ daa.
70 Oyii ne somfo Dawid,
ɔfrɛɛ no fii nguannan mu;
71 fii nguan akyi na ɔde no bae
se ɔmmɛyɛ oguanhwɛfo mma ne nkurɔfo Yakob,
mma Israel a wɔyɛ nʼagyapade.
72 Na Dawid de koma pa hwɛɛ wɔn so
na ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim.