Dwom 80
Asaf dwom.
Israel guanhwɛfo, tie yɛn,
wo a wudii Yosef anim sɛnea wodi nguankuw anim;
wo a wote ahengua so wɔ kerubim ntam no, hyerɛn
wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim.
Kanyan wo tumi;
bra begye yɛn nkwa.
 
Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio;
ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,
na wɔagye yɛn nkwa.
 
Asafo Awurade Nyankopɔn,
wʼabufuw bɛdɛw akosi da bɛn,
wʼabufuw a etia wo nkurɔfo mpaebɔ no?
Wode nusu yɛɛ aduan maa wɔn dii;
wode nusu kuruwama maa wɔn nomee.
Wode yɛn ayɛ nea yɛn mfɛfo ko ho,
na yɛn atamfo serew yɛn.
Asafo Nyankopɔn, gye yɛn bio;
ma wʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,
na wɔagye yɛn nkwa.
 
Wutuu bobe fi Misraim beduae;
wopam amanaman no na wuduae.
Wosiesiee asase no baabi maa no,
egyee ntin na ɛtrɛw asase no so.
10 Ne nwini kataa mmepɔw no so
ne mman kataa sida akɛse no so.
11 Ɛdennan trɛw kɔɔ Po no so,
na ɛfefɛw trɛw koduu Asubɔnten no ho.
 
12 Adɛn nti na woabubu nʼafasu
ama wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no tetew ne bobe aba no?
13 Kɔkɔte fi wuram bɛsɛe no pasaa
na mmoadoma a wɔwɔ sare so de yɛ wɔn aduan.
14 Asafo Nyankopɔn, san bra yɛn nkyɛn!
fi ɔsoro hɔ hwɛ na wubehu!
Hwɛ saa bobe yi so,
15 ntin a wo nsa nifa adua no,
ɔbabarima a woatetew no ama wo ho no.
 
16 Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu gya ama ahyew;
wʼanimka ma wo nkurɔfo ase tɔre.
17 Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so,
onipa ba a woatetew no ama wo ho no.
18 Afei yɛrentwe yɛn ho mfi wo nkyɛn;
kanyan yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.
 
19 Asafo Awurade Nyankopɔn, gye yɛn bio,
na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,
na wɔagye yɛn nkwa.
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto sɛ “gittit” sanku nne so.