Dwom 79
Asaf dwom.
Ao Onyankopɔn, amanaman no atow ahyɛ wʼagyapade so;
wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi,
wɔama Yerusalem adan nnwiriwii.
Wɔde wʼasomfo afunu ayɛ aduan
ama wim nnomaa,
na wɔde wʼahotefo nam ama asase so mmoa.
Wɔahwie mogya agu te sɛ nsu
wɔ Yerusalem ho nyinaa,
na obiara nni hɔ a obesie awufo no.
Yɛayɛ animtiaabude ama yɛn mfɛfo,
fɛwdi ne nsopa ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.
 
Awurade, enkosi da bɛn? Wo bo befuw afebɔɔ ana?
Wo ninkunu bɛdɛw sɛ ogya akosi da bɛn?
Hwie wʼabufuw gu amanaman
a wonnye wo nto mu no so,
ahenni a
wɔmmɔ wo din no;
efisɛ wɔakum Yakob
na wɔasɛe nʼatenae.
Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn;
ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm,
na yɛwɔ ahohiahia mu.
 
Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn,
wo din no anuonyam nti;
gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn
wo din nti.
10 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman ka se,
“Wɔn Nyankopɔn wɔ he?”
Yɛn anim ha ara, ma wonhu wɔ amanaman mu sɛ
wotɔ wʼasomfo mogya a wɔahwie agu no so werɛ.
11 Ma nneduafo no apinisi nnu wʼanim;
fa wo basa ahoɔden no
kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.
 
12 Awurade, ahohora a yɛn mfɛfo asum agu wo so no,
tua wɔn so ka mpɛn ason.
13 Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfo, wʼadidibea nguan no,
beyi wo ayɛ daa nyinaa;
efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso,
yɛbɛkɔ so aka wʼayeyi akyerɛ.
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sanku nne so.