Dwom 82
Asaf dwom.
Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu;
obu atɛn wɔ “anyame” mu.
 
“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban
na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn?
Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn;
mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban.
Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo;
munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam.
 
“Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase.
Wokyinkyin wɔ sum mu;
na asase fapem nyinaa wosow.
 
“Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;”
mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’
Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ;
na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.”
Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn;
efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de.