Dwom 83
Asaf Dwom.
Ao, Onyankopɔn, ntena hɔ komm;
mmua wʼano, Ao, Onyankopɔn, keka wo ho.
Hwɛ sɛnea wʼatamfo keka wɔn ho fa,
na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn ti so.
Wɔde anifere repam atia wo nkurɔfo,
wɔrepam atia wɔn a wo koma da wɔn so no.
Wɔka se, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman,
sɛnea wɔrenkae Israel din bio.”
Wɔde adwene koro bɔ pɔw;
na wɔpam tia wo,
Edom ntamadan ne Ismaelfo,
Moabfo ne Hagarfo,
Gebalfo ne Amonfo ne Amalekfo,
Filistifo ne Tirofo.
Asiria mpo akɔka wɔn ho
de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefo de no mu den.
 
Yɛ wɔn sɛnea woyɛɛ Midian,
sɛnea woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no,
10 wɔn a wɔsɛe wɔ En-Dor
na wɔdan nwura no.
11 Yɛ wɔn atitiriw sɛ Oreb ne Seeb,
ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna,
12 a wɔkae se, “Momma yɛmfa
Onyankopɔn adidibea nsase no no.”
 
13 Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ mfɛtɛ mu mfutuma,
sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu.
14 Sɛnea ogya hyew kwae,
na ogyatannaa so nkoko mu hyew no no,
15 saa ara na fa wʼahum taa wɔn
na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn.
16 Ma animguase nka wɔn,
na ama nnipa ahwehwɛ wo din akyi kwan, Awurade.
 
17 Ma wɔn anim ngu ase na wonni yaw;
ma wonwuwu wɔ animguase mu.
18 Ma wonhu sɛ wo a wo din de Awurade no,
wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase nyinaa so.
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no wɔ gittit sanku nne so.