Dwom 85
Koramma dwom.
Wo Awurade, wodom wʼasase;
wode Yakob ahonyade san maa no.
Wode wo nkurɔfo bɔne kyɛɛ wɔn
na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so.
Wode wʼabufuw nyinaa too nkyɛn
na wodan fii wʼabufuwhyew ho.
 
San gye yɛn bio, Onyankopɔn, yɛn Gyefo,
na ma wʼani nnye yɛn ho.
Wo bo befuw yɛn akosi daa ana?
Wʼabufuw bɛtoa so akɔ awo ntoantoaso nyinaa so ana?
Worenhyɛ yɛn den bio,
na ama wo nkurɔfo asɛpɛw wɔn ho wɔ wo mu ana?
Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no,
na ma yɛn wo nkwagye no.
 
Metie nea Awurade Nyankopɔn bɛka;
ɔde asomdwoe hyɛ ne nkurɔfo, ahotefo no bɔ,
enti ɛnsɛ sɛ wɔsan kɔ agyimisɛm ho.
Ampa ara, ne nkwagye bɛn wɔn a wosuro no,
na nʼanuonyam bɛtena yɛn asase so.
 
10 Ɔdɔ ne nokwaredi behyia,
na trenee ne asomdwoe befew wɔn ho wɔn ho ano.
11 Nokwaredi bepue afi asase no so,
na trenee ahwɛ afi ɔsoro.
12  Awurade bɛma yɛn nea eye ampa ara
na yɛn asase bɛma ne nnɔbae.
13 Trenee di nʼanim
siesie ɔkwan ma nʼanammɔntu.