Dwom 86
Dawid mpaebɔ.
Awurade, tie me na gye me so,
efisɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.
Bɔ me nkwa ho ban, efisɛ mede me ho ama wo.
Wo ne me Nyankopɔn, gye wʼakoa a
ɔde ne ho to wo so.
Awurade, hu me mmɔbɔ,
na misu frɛ wo daa nyinaa.
Ma wʼakoa ani nnye,
na wo Awurade, wo nkyɛn
na mema me kra so ba.
 
Awurade, wuye na wode bɔne kyɛ,
wowɔ ɔdɔ mmoroso ma wɔn a wosu frɛ wo nyinaa.
Awurade, tie me mpaebɔ;
tie me mmɔborɔsu.
Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu,
na wubegye me so.
 
Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo;
na wɔn nnwuma biara nto wo de.
Awurade, aman a woakyekyere nyinaa
bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim;
wɔbɛba abɛhyɛ wo din anuonyam.
10 Woyɛ ɔkɛse na woyɛ anwonwa nnwuma;
wo nko ara ne Onyankopɔn.
 
11  Awurade, kyerɛ me wʼakwan,
na mɛnantew wo nokware mu;
ma memfa me koma nyinaa mma wo
na masuro wo din.
12 Mede me koma nyinaa meyi wo ayɛ, Awurade me Nyankopɔn
na mahyɛ wo din anuonyam daa nyinaa.
13 Efisɛ ɔdɔ a wode dɔ me no so;
woayi me afi owu amoa mu tɔnn.
 
14 Ao, Onyankopɔn, ahomasofo atow ahyɛ me so;
basabasayɛfo kuw rehwehwɛ me akum me,
nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.
15 Nanso wo, Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo Nyankopɔn,
wo bo kyɛ fuw, na wʼadɔe ne wo nokware dɔɔso.
16 Dan wʼani hwɛ me na dom me;
fa wʼahoɔden ma wʼakoa
na gye wʼafenaa babarima nkwa.
17 Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnne,
na mʼatamfo nhu na wɔn anim ngu ase
na wo, Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.