Dwom 9
Dawid dwom.
Awurade, mefi me koma nyinaa mu ada wo ase.
Mɛka wʼanwonwade no nyinaa.
Mɛma mʼani agye na madi ahurusi wɔ wo mu.
Mɛto ayeyi dwom ama wo din, Ɔsorosoroni.
 
Mʼatamfo san wɔn akyi;
wɔtetew hwe, na wowuwu wɔ wʼanim.
Woadi mʼasɛm ama me, na menya mʼahofadi;
woatena wʼahengua so, abu atɛntrenee.
Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumɔyɛfo.
Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio.
Ɔsɛe a enni awiei ato ɔtamfo no,
woatutu wɔn nkuropɔn;
na wɔnkae wɔn bio mpo.
 
Awurade di hene daa daa;
wasi nʼatemmu ahengua.
Ɔde trenee bebu wiase atɛn;
ɔde atɛntrenee bedi nnipa no so.
Awurade yɛ guankɔbea ma wɔn a wodi wɔn nya no,
ɔyɛ abandennen wɔ ahohia mmere mu.
10 Wɔn a wonim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,
efisɛ, wo Awurade, wunnyaw obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.
 
11 Monto ayeyi dwom mma Awurade a ɔte ahengua so wɔ Sion;
mompae mu nka nea wayɛ wɔ amanaman no mu.
12 Na ɔkae nea ɔtɔ mogya so were no;
ommu nʼani ngu ɔbrɛfo sufrɛ so.
13  Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo teetee me!
Hu me mmɔbɔ na yi me fi owu apon ano,
14 na matumi apae mu aka wʼayeyi
wɔ Ɔbabea Sion apon ano,
na madi ahurusi wɔ wo nkwagye no mu hɔ.
 
15 Amanaman mufo atɔ amoa a wɔatu no mu;
afiri a wosum hintaw no ayi wɔn anan.
16  Awurade atɛntrenee da no adi;
amumɔyɛfo nsa ano adwuma ayi wɔn.
17 Amumɔyɛfo san kɔ ɔda mu,
amanaman a wɔn werɛ fi Onyankopɔn nyinaa.
18 Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ befi ohiani,
anaasɛ mmɔborɔni anidaso bɛyera korakora.
 
19 Sɔre! Awurade, mma ɔdesani nni nkonim,
bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim.
20 Bɔ wɔn hu, Awurade;
na ma wonhu sɛ, wɔyɛ adesa bi kɛkɛ.