NHOMA A ƐTO SO ANAN
90
Nnwom 90–106
Onyankopɔn nipa Mose mpaebɔ.
Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea
awo ntoatoaso nyinaa mu.
Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔw
anaasɛ worebɛda asase ne wiase adi no,
na woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.
 
Woma adesamma san dan mfutuma,
ka se, “Mo adesamma, monsan nkɔ mfutuma mu.”
Mfirihyia apem yɛ wʼani so sɛ
da koro a abɛsen mprempren,
anaasɛ anadwo mu dɔnhwerew kakraa bi.
Wopra nnipa kɔ, wɔ owu nna mu;
wɔte sɛ sare a afefɛw anɔpa,
ɛfefɛw yɛ frɔmfrɔm anɔpa de,
nanso anwummere ɛwo na etwintwam.
 
Yɛresa wɔ wʼabufuw ano
na wʼanibere abɔ yɛn hu.
Wode yɛn amumɔyɛ asi wʼanim,
na yɛn kokoa mu bɔne da wʼanim hann no mu.
Yɛn nna nyinaa twa mu wɔ wʼabufuwhyew mu;
na yɛde awerɛhowdi na ewie yɛn mfe.
10 Yɛn nkwa nna si mfe aduɔson,
anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a;
na mu ahohoahoade yɛ ɔhaw ne awerɛhow,
na etwa mu ntɛmntɛm, na yetu kɔ.
 
11 Sɛ anka yebehu sɛ wʼabufuw mu tumi te ɛ!
Wʼabufuwhyew kɛse te sɛnea wo ho suro te.
12 Ma yenhu yɛn nna kan sɛnea ɛte,
na yɛanya nyansa koma.
 
13 Tɔ wo bo ase, Awurade, enkosi da bɛn?
Hu wʼasomfo mmɔbɔ.
14 Ma wʼadɔe a ɛnsa da no mmee yɛn adekyee mu,
na yɛde anigye ato dwom adi ahurusi yɛn nna nyinaa mu.
15 Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodow a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no,
sɛ mfirihyia dodow a yehuu ateetee no.
16 Ma wʼasomfo nhu wo nneyɛe
na wɔn mma nhu wʼanuonyam.
 
17 Ma Awurade yɛn Nyankopɔn adom no ntena yɛn so;
na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye mma yɛn;
yiw, ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye.