Dwom 89
Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom.
Mɛto Awurade adɔe ho dwom daa daa;
mede mʼano bɛda wo nokwaredi adi awo ntoatoaso nyinaa mu.
Mɛka se wʼadɔe no tim hɔ daa nyinaa,
na woatim wo nokwaredi wɔ ɔsoro hɔ ankasa.
 
Wokae se, “Mene onipa a mayi no no ayɛ apam;
maka ntam akyerɛ me somfo Dawid.
‘Mɛma wʼase atim hɔ daa
na wʼahengua nso atim wɔ awo ntoantoaso nyinaa mu.’ ”
 
Awurade, ɔsorosorofo kamfo wʼanwonwade,
na wo nokwaredi nso, wɔkamfo wɔ ahotefo asafo mu.
Na hena na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ?
Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔde mu?
Akronkronfo agyinatufo mu, wosuro Onyankopɔn;
wɔde osuro kɛse ma Onyankopɔn wɔ akronkronfo nhyiamu ase.
Asafo Awurade Nyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?
Wo, Awurade, woyɛ ɔkɛse na wo nokwaredi atwa wo ho ahyia.
 
Wudi po a ɛworo no so;
nʼasorɔkye bobɔ kɔ soro a, wobrɛ no ase.
10 Wodwerɛw Rahab sɛ atɔfo no mu baako;
wode wo basa dennen no bɔɔ wʼatamfo pansamee.
11 Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo;
wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa wo na wufii ase.
12 Wobɔɔ atifi ne anafo.
Tabor ne Hermon de ahosɛpɛw to dwom ma wo din.
13 Tumi ayɛ wo basa ma;
wo nsam wɔ ahoɔden, woama wo nsa nifa so.
 
14 Wʼahengua no fapem yɛ trenee ne atɛntrenee;
adɔe ne nokwaredi di wʼanim.
15 Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛnea wɔbɔ wo abodin,
wɔn a wɔnantew wʼanim hann no mu, Awurade.
16 Wogye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa;
wodi ahurusi wɔ wo trenee mu.
17 Wone wɔn anuonyam ne ahoɔden,
na wʼadom nti yɛyɛ nkonimdifo.
18 Ampa ara, yɛn kyɛm wɔ Awurade,
na yɛn hene wɔ Israel Kronkronni no.
 
19 Da bi wokasaa wɔ anisoadehu mu,
kyerɛɛ wʼahotefo se,
“Madom ɔkofo bi ahoɔden;
mapagyaw aberante bi afi nnipa no mu.
20 Mahu Dawid, me somfo;
mede me ngo kronkron no asra no.
21 Me nsa bɛwowaw no;
ampa ara me basa bɛhyɛ no den.
22 Ɔtamfo biara renhyɛ no sɛ ontua tow;
omumɔyɛfo biara rentumi nhyɛ no so.
23 Mɛdwerɛw nʼatamfo wɔ nʼanim
na mabobɔ nʼahohiahiafo ahwe fam.
24 Me nokware adɔe bɛka ne ho,
na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.
25 Mɛtrɛw nʼahye mu akosi po so,
na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔnten so.
26 Ɔbɛfrɛ me aka se, ‘Wone mʼagya,
me Nyankopɔn, me nkwagye botan.’
27 Mɛyɛ no mʼabakan,
asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛse.
28 Mɛma mʼadɔe a mewɔ ma no no atena hɔ daa,
na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa.
29 Mɛma nʼase atim afebɔɔ,
nʼahengua nso betim hɔ akosi sɛ ɔsoro betwa mu.
 
30 “Sɛ ne mmabarima po me mmara
na sɛ wɔanni mʼahyɛde so,
31 sɛ wobu mʼahyɛde so
na sɛ wɔanni me hyɛ nsɛm so a,
32 ɛno de mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho
na wɔn amumɔyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;
33 Nanso merennyae mʼadɔe a meyɛ ma no no
na mɛkɔ so adi no nokware.
34 Meremmu mʼapam no so
na merensesa nea mede mʼano aka no.
35 Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko,
na merentwa Dawid atoro da,
36 meremma nʼase ntɔre da
na nʼahengua nso betim wɔ mʼanim te sɛ owia;
37 ebetim hɔ daa te sɛ ɔsram,
ɔdanseni nokwafo a ɔwɔ wim no.”
 
38 Nanso woapo no, woapa nʼakyi,
wo bo afuw nea woasra no ngo no.
39 Woagu apam a wo ne wo somfo pamee no,
woagu nʼahenkyɛw ho fi wɔ mfutuma mu.
40 Woabubu nʼafasu nyinaa
ama nʼabandennen adan nnwiriwii.
41 Wɔn a wotwa mu wɔ hɔ nyinaa fow no fa;
na wayɛ aniwude ama ne mfɛfo.
42 Woama nʼatamfo nsa nifa so;
ama wɔn nyinaa di ahurusi.
43 Woama nʼafoa ayɛ ɔkwa,
na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu.
44 Wode nʼanuonyam aba awiei
na woatow nʼahengua akyene fam.
45 Woatwa ne mmerantebere nna so
na wode animguase nguguso akata no so.
 
46  Awurade, enkosi da bɛn? Na wode wo ho behintaw?
Wʼabufuwhyew bɛkɔ so adɛw akosi da bɛn?
47 Kae sɛnea me nkwanna twa mu ntɛm so.
Efisɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ ade a etwa mu ntɛm so!
48 Hena na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?
Anaasɛ hena na obetumi agye ne ho afi owu tumi nsam?
49 Awurade, ɛhe na wo tete adɔe kɛse no wɔ,
nea wufi wo nokwaredi mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?
50 Kae, Awurade, sɛnea wɔadi wo somfo ho fɛw
ne sɛnea manya koma ama amanaman no akutiabɔ,
51  Awurade, akutiabɔ a wʼatamfo de adi fɛw
de adi nea woasra no ngo no anammɔntu biara ho fɛw.
 
 
52 Ayeyi nka Awurade daa!
Amen, Amen.