Dwom 92
Dwom a wɔto no Homeda.
Eye sɛ wɔkamfo wo Awurade
na wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam, Ɔsorosoroni,
na wɔpae mu ka wʼadɔe anɔpa
ne wo nokware anadwo,
wɔ hama du sanku so
ne sankuten nnwom mu.
 
Awurade, wo nneyɛe ma mʼani gye;
mede anigye to nnwom, wo nsa ano nnwuma nti.
Awurade, wo nnwuma yɛ akɛse,
na wo nyansa mu dɔ!
Agyimifo nnim
na nkwaseafo nte ase,
amumɔyɛfo benyin sɛ sare
na abɔnefo bɛyɛ frɔmfrɔm de,
nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.
 
Na wo Awurade, wɔayɛ wo ɔkɛse afebɔɔ.
 
Awurade, ampa ara,
wʼatamfo bɛyera;
na wɔbɛhwete abɔnefo nyinaa.
10 Woama me ahoɔden te sɛ ɛko;
woahwie ngohuam papa agu me so.
11 Mahu mʼatamfo nkogu a wɔadi,
mate sɛnea mʼatamfo atirimɔdenfo aguan afi akono.
 
12 Atreneefo bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ abedua,
wobenyin sɛ Lebanon sida;
13 nea wɔadua wɔ Awurade fi,
wobenyin frɔmfrɔm wɔ yɛn Nyankopɔn adiwo hɔ.
14 Wɔbɛkɔ so asow aba, onyinkyɛ mu mpo,
wɔbɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono,
15 de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔtreneeni;
ɔyɛ me botan, na atirimɔdensɛm biara nni ne mu.”