Dwom 93
Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no;
wɔde tumi ahentade ahyɛ Awurade
na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode.
Wɔde wiase atim hɔ pintinn;
na wɔrentumi ntutu.
Wʼahengua tim hɔ fi tete;
na wowɔ hɔ fi mmeresanten.
 
Awurade, po ama wɔn ho so,
po ama wɔn nne so;
po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so.
Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu,
nea ɔwɔ tumi sen po nworoso,
Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse.
 
Awurade, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn;
kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyam
daa nyinaa.