Dwom 94
Awurade, Onyankopɔn a wotɔ were,
Onyankopɔn a wotɔ were, hyerɛn.
Sɔre, asase so Temmufo,
tua ahantanfo ka sɛnea ɛfata wɔn.
Awurade, enkosi da bɛn,
amumɔyɛfo nnye wɔn ani nkosi da bɛn?
 
Wɔkasa ahantan so;
ahohoahoa ahyɛ abɔnefo nyinaa ma.
Awurade, wɔdwerɛw wo nkurɔfo;
wɔhyɛ wʼagyapade so.
Wokunkum akunafo ne ananafo;
na wodi ayisaa awu.
Wɔka se, “Awurade nhu,
Yakob Nyankopɔn ayi nʼani.”
 
Monhwɛ yiye, mo agyimifo a mowɔ nnipa no mu;
nkwaseafo, da bɛn na mubehu nyansa?
Nea ɔbɔɔ aso no rente asɛm ana?
Nea ɔyɛɛ ani no renhu ade ana?
10 Nea ɔteɛteɛ aman so no rentwe aso ana?
Nea ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa ana?
11  Awurade nim onipa nsusuwii;
onim sɛ enkosi hwee.
 
12  Awurade, nhyira ne onipa a woteɛteɛ no so,
onipa a wokyerɛ no wo mmara no;
13 Woma ɔhome fi amanehunu nna mu,
kosi sɛ wobetu amoa ama amumɔyɛfo.
14  Awurade rempo ne nkurɔfo;
na ɔrennyaw nʼagyapade hɔ da.
15 Atemmu begyina treneeyɛ so bio,
na wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa bedi so.
 
16 Hena na ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo ama me?
Hena na ɔbɛsɔre atia abɔnefo ama me?
17 Awurade ammoa me a,
anka mekɔɔ owu kommyɛ mu ntɛm so.
18 Bere a mekae se, “Me nan rewatiri” no,
Awurade, wo dɔ no soo me mu.
19 Bere a me dadwen dɔɔso no,
wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.
 
20 Ahengua a porɔwee ahyɛ no mma no ne wo wɔ ayɔnkofa ana?
Ahengua a ne hyɛ nsɛm de amanehunu na ɛba no?
21 Wɔka bɔ mu tia atreneefo
na wɔn a wodi bem no, wobu wɔn kumfɔ.
22 Nanso Awurade yɛ mʼaban;
na me Nyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na minya ahintawee.
23 Obetua wɔn nnebɔne no so ka
na wɔn amumɔyɛ nti wasɛe wɔn;
Awurade yɛn Nyankopɔn bɛsɛe wɔn.