Dwom 96
Monto dwom foforo mma Awurade;
asase nyinaa monto dwom mma Awurade.
Monto dwom mma Awurade, monkamfo ne din;
mompae mu nka ne nkwagye no daa daa.
Monka nʼanuonyam wɔ amanaman mu,
monka nʼanwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu.
 
Awurade yɛ ɔkɛse na nkamfo fata no;
ɛsɛ sɛ wosuro no sen anyame nyinaa.
Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa,
nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.
Anuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim;
ahoɔden ne anuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ.
 
Momfa mma Awurade, amanaman mmusuakuw,
momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.
Momfa anuonyam ne din a ɛfata mma Awurade;
momfa afɔrebɔde nhyɛn nʼadiwo hɔ.
Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu;
asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim.
 
10 Monka nkyerɛ aman nyinaa se, “Awurade di hene.”
Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn, wɔrentumi ntutu;
ɔde pɛpɛyɛ bebu nnipa atɛn.
11 Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurusi;
momma po ne mu nneɛma nyinaa nworo;
12 Momma mfuw ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose;
momma kwae mu nnua nyinaa mfa ahosɛpɛw nto nnwom.
13 Momma abɔde nyinaa nni ahurusi wɔ Awurade anim, efisɛ ɔreba,
ɔreba abebu asase no atɛn.
Ɔde trenee bebu wiase atɛn
na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokware mu.