Dwom 97
Awurade di hene, ma asase ani nnye;
ma akyirikyiri mpoano ahorow no nsɛpɛw wɔn ho.
 
Omununkum ne sum kabii atwa no ho ahyia;
trenee ne atɛntrenee yɛ nʼahengua no fapem.
Ogya di nʼanim
na ɛhyew nʼatamfo wɔ afanan nyinaa.
Nʼanyinam hyerɛn wiase;
asase hu na ne ho popo.
Mmepɔw nan sɛ nku wɔ Awurade anim,
Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.
Ɔsoro pae mu ka ne trenee kyerɛ
na aman nyinaa hu nʼanuonyam.
 
Ahonisomfo nyinaa anim agu ase,
wɔn a wɔde abosomhuhuw hoahoa wɔn ho no,
anyame nyinaa monsɔre no.
 
Sion te, na ne ho sɛpɛw no
na Yuda nkuraa ani gye
Awurade, esiane wʼatɛntrenee nti.
Wo, Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa;
wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.
 
10 Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyi bɔne,
ɔbɔ ne nkurɔfo a wɔyɛ nokwafo no ho ban
na ogye wɔn fi amumɔyɛfo nsam.
11 Hann hyerɛn wɔ atreneefo so
na anigye ba wɔn a wɔn koma mu tew no so.
12 Momma mo ani nnye Awurade mu, mo a moyɛ atreneefo,
na monkamfo ne din kronkron no.