2
Rut Di Boas Afuw Mu Mpɛpɛ
Ɔbarima ɔdefo a na ɔyɛ okunini bi tenaa Betlehem a na wɔfrɛ no Boas. Na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani.
Da koro bi, Rut, Moabni, ka kyerɛɛ Naomi se, “Ma menkɔ afuw mu na minkodi obiara a menya nʼanim anuonyam akyi nkɔboaboa atoko ase.”
Na Naomi kae se, “Eye, me babea, kɔ.” Enti Rut kɔ kodii atwafo no akyi. Na nea ɛbae ne sɛ, ohuu sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ Boas a ɔyɛ nʼase Elimelek busuani no afuw mu.
Bere a ɔwɔ hɔ no, Boas fi Betlehem bae. Okyiaa atwafo no se, “Awurade ne mo ntena!”
Atwafo no gyee so se, “Awurade nhyira wo.”
Boas bisaa ne sohwɛfo no se, “Ababaa bɛn na ɔwɔ nohɔ hɔ no?”
Sohwɛfo no buae se, “Ɔyɛ ababaa bi a ofi Moab a ɔne Naomi bae. Anɔpa yi ara na obisaa me se, obetumi adi atwafo no akyi aboaboa atoko ano ana? Ɔyɛ nsiyɛfo a bere kakraa bi na ɔde homee wɔ pata no ase hɔ.”
Boas kɔɔ hɔ kɔka kyerɛɛ Rut se, “Me babea tie. Wo ne yɛn ntena ha ara na boaboa atoko; nkɔ afuw foforo biara mu. Di mmea a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuw yi mu no akyi pɛɛ. Hwɛ faako a wɔretwa wɔ afuw no mu na di wɔn akyi. Mabɔ mmerante no kɔkɔ sɛ wɔnnhaw wo. Na sɛ osukɔm de wo a, nom nsu a wɔakɔsaw afi abura no mu no bi.”
10 Rut butuwii, de nʼanim kyerɛɛ fam daa no ase. Na ɔkae se, “Adɛn nti na manya saa adom yi wɔ wʼani so, me a meyɛ ɔnanani yi?”
11 Boas buae se, “Nea woayɛ ama wʼase efi wo kunu wu akyi nyinaa no, wɔaka akyerɛ me, sɛ wufii wʼagya ne wo na ne wo man mu na wo ne nnipa a wunnim wɔn wɔ baabiara bɛtenae no. 12  Awurade, Israel Nyankopɔn a woanya guankɔbea wɔ ne ntaban ase no nnom wo.”
13 Na ɔno nso kae se, “Ma menkɔ so nnya wʼanim adom daa, me wura. Woama me awerɛkyekye na woakasa akyerɛ wʼafenaa ayamye so, me a mensɛ na memfata wo nnwumayɛfo no mu baako mpo no.”
14 Eduu adidibere no, Boas frɛɛ no se, “Bra ma yennidi. Wutumi de wo brodo no bɔ nsa biara a wopɛ mu.”
Enti ɔne nʼawitwafo no tenaa ase na Boas maa no aduan sen sɛnea obetumi adi mpo. 15 Bere a Rut san kɔɔ nʼadwuma so bio no, Boas ka kyerɛɛ ne mmerante no se, “Momma no mmoaboa atoko no ano mfi nʼafiafi no mu na munnsiw no kwan. 16 Na munyiyi afiafi no mu de no bi nnyae mu ngu fam mma no na ɔnsesaw, na monnhaw no.”
17 Enti Rut sesaw atoko no wɔ hɔ da mu no nyinaa na ɔporow atoko no saa anwummere no, onyaa bɛyɛ lita aduonu abien. 18 Ɔsoa de kɔɔ kurom, de kɔkyerɛɛ nʼase. Afei, Rut de nʼawiaduan a ogyaw no maa no.
19 Naomi hui no, ɔteɛɛ mu se, “Ɛdɔɔso yiye! Na ɛhe na nnɛ woboaboaa saa atoko yi nyinaa ano fi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Awurade nhyira nea ɔboaa wo no!”
Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kae se, “Nea meyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no, wɔfrɛ no Boas.”
20 Naomi ka kyerɛɛ nʼase no se, “Awurade nhyira no. Ɔrekyerɛ yɛn ne wo kunu a wawu no nʼayamye. Saa ɔbarima no yɛ abusuafo a wɔbɛn yɛn pɛɛ no mu baako a ɔyɛ abusua no mu ogyefo baako.”
21 Rut kae se, “Nea ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me se, mensan mmra na me ne nʼawitwafo no mmɛtena nkosi bere a wobewie otwa no.”
22 Naomi teɛɛ mu se, “Anwonwasɛm ni! Yɛ nea ɔka no. Wo ne nʼadwumayɛfo no ntena nkosi sɛ wobewie otwa no. Wʼasom bedwo wo wɔ hɔ sen afuw biara mu.”
23 Enti Rut ne mmea a wɔwɔ Boas afum hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atoko no ano kosii atokotwa no awiei. Afei, ɔne wɔn twaa awi nso. Nanso saa bere no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.