3
Rut Wɔ Awiporowbea
Da bi Naomi ka kyerɛɛ Rut se, “Me babea, bere adu sɛ mehwehwɛ ofi a wobɛtena mu na wubenya nea ehia wo biara. Boas yɛ yɛn busuani pɛɛ na wayɛ adɔe mmoroso sɛ wama wo ne nʼadwumayɛfo aboaboa atoko ano. Anadwo yi, obehuhuw atoko so wɔ awiporowbea hɔ. Enti yɛ nea merekyerɛ wo yi. Guare na tutu aduhuam gu wo ho na fa wo ntade pa bi hyɛ. Afei, kɔ awiporowbea hɔ, nanso mma Boas nhu wo kosi sɛ obedidi awie. Hwɛ na hu baabi a ɔda hɔ yiye, afei, kɔ na koyi ne nan ho nkataho na da hɔ. Ɔbɛka nea ɔpɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.”
Rut kae se, “Biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti ɔkɔɔ awiporowbea hɔ anadwo no, na ɔyɛɛ nea nʼase kyerɛɛ no no mu biara.
Boas didi wiee no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atoko mmoano no ho, na ɔfaa mu dae. Rut yɛɛ nwaa koyii ne nan ho nkataho na ɔdaa hɔ. Anadwo dasum no, Boas bɔɔ pitiri dan ne ho. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohuu sɛ ɔbea da ne nan ase.
Obisae se, “Na hena ni?”
Obuae se, “Ɛyɛ me wo somfo Rut. Trɛw* wo nkataso no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefo.”
10 Na Boas kae se, “Awurade nhyira wo, me babea! Worekyerɛ abusua dɔ a bi mmaa da sɛ woankodi aberantewa bi akyi, sɛ ɔwɔ sika anaa ɔyɛ ohiani. 11 Afei, me babea, mma hwee nhaw wo. Mɛyɛ nea ehia wo nyinaa. Me kurow yi mu nnipa nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbea a wudi wo ho ni. 12 Nanso akwanside baako wɔ hɔ. Ɛyɛ nokware turodoo sɛ meyɛ mo abusua agyefo mu baako de, nanso ɔbarima foforo bi wɔ hɔ a ɔyɛ obusuani titiriw sen me. 13 Tena ha anadwo yi na sɛ ade kye a, me ne no bɛkasa. Sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ obegye wo a, ɛno de ma ho kwan na ɔnware wo. Na sɛ ɛnyɛ ne pɛ nso a, ɛno de, ɔkwan biara so, sɛ Awurade te ase yi, mɛware wo! Enti da ha ma ade nkye.”
14 Enti Rut daa ne nan ho kosii adekyee nanso ɔsɔree ansa na anim tetew. Na Boas ka kyerɛɛ no se, “Ɛnsɛ sɛ obi hu sɛ ɔbea bi bɛdaa awiporowbea ha.”
15 Boas toaa so kae se, “Fa wʼatade nguguso no bra na trɛw mu.” Ɔsesaw atoko no susukoraa asia guu mu na ɔboaa no ma ɔde hyɛɛ nʼakyi. Na Boas san kɔɔ kurow no mu.
16 Rut baa nʼase Naomi nkyɛn no, obisaa no se, “Me babea, ekosii dɛn?”
Rut kaa biribiara a Boas yɛ maa no no kyerɛɛ Naomi, 17 na ɔtoaa so se, “Ɔmaa me atoko susukoraa asia kae se, ‘Mfa nsapan nkɔ wʼase nkyɛn.’ ”
18 Afei, Naomi kae se, “Me ba, twɛn kosi sɛ wubehu nea ebesi. Ɔbarima no renna so kosi sɛ asɛm no besi nnɛ yi ara.”
* 3:9 Trɛw a obi trɛw nʼatade ano de gu ɔbea so no kyerɛ aware ho bammɔ.