14
Ikoniom Asɛnka
Paulo ne Barnaba duruu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafoɔ asɔredan mu. Wɔkasa ma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree bɛyɛɛ agyidifoɔ. Nanso, Yudafoɔ a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan amanamanmufoɔ no, sane tuu wɔn aso tiaa anuanom no. Asomafoɔ no tenaa hɔ kyɛreeɛ. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokorɛ. Kuro no mu nnipa no mu kyɛɛ mmienu; ɛfa kɔɔ Yudafoɔ no afa na ɛfa nso kɔɔ asomafoɔ no afa. Amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ no ne wɔn mpanimfoɔ yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ, asane asi wɔn aboɔ. Asomafoɔ no tee pɔ a wɔbɔ faa wɔn ho no, wɔdwane kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase. Wɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ.
Obubuafoɔ Bi Ayaresa
Ɛberɛ a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no, wɔhunuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafoɔ firi nʼawoɔ mu. Paulo rekasa no, obubuafoɔ no tiee no maa Paulo hunuu sɛ ɔwɔ gyidie a ɛbɛma watumi agyina so asa no yadeɛ. Enti Paulo hwɛɛ obubuafoɔ no 10 teaam sɛ, “Sɔre gyina hɔ!” Amonom, obubuafoɔ yi huri gyinaeɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ.
11 Nnipa no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam wɔ Likaonia kasa mu sɛ, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.” 12 Yei enti wɔfrɛɛ Barnaba Seus ɛnna wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes,* ɛfiri sɛ, ɔno na na ɔka asɛm no. 13 Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no ɔsɔfoɔ de nantwie ne nhwiren baa kuro no ɛpono ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma asomafoɔ no.
14 Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo tee afɔdeɛ a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuo sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuo no mu teateaam sɛ, 15 “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu. 16 Ɛberɛ bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan maa wɔyɛɛ deɛ wɔpɛ. 17 Nanso, Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanseɛ. Mmerɛ a ɛsɛ mu no, ɔma osuo tɔ, ma nnɔbaeɛ ba; ɔma mo aduane di, ma monya ahotɔ.” 18 Nanso, saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn.
19 Yudafoɔ bi firi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wɔsii Paulo aboɔ, twee no firii kuro no mu; na wɔsusu sɛ wawu. 20 Nanso, ɛberɛ a agyidifoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre sane kɔɔ kuro no mu. Adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe.
Paulo Ne Barnaba Sane Ba Antiokia
21 Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ Derbe maa nnipa pii gye diiɛ. Wɔfiri hɔ no, wɔsane kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia. 22 Wɔhyɛɛ agyidifoɔ no nkuran sɛ wɔntena ase gyidie mu. Wɔka kyerɛɛ agyidifoɔ yi sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi akɔ Onyankopɔn Ahennie mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahodoɔ pii mu.” 23 Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn; na wɔnam mpaeɛbɔ ne mmuadadie so de mpanimfoɔ no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa. 24 Wɔfiri Pisidia no, wɔbaa Pamfilia. 25 Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge, na wɔfiri hɔ baa Atalia.
26 Wɔfiri Atalia no, wɔsane baa Antiokia a ɛhɔ na ɛberɛ a na wɔrebɛfiri saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade adom nsa no. 27 Ɛberɛ a wɔduruu Antiokia no, wɔhyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛdeɛ Onyankopɔn abue ɛkwan ama amanamanmufoɔ agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 28 Paulo ne Barnaba tenaa agyidifoɔ no nkyɛn kyɛreeɛ.
* 14:12 14.12 Na Seus yɛ Listra abosom mu panin a ɛhɔ na na nʼabosonnan wɔ. Wɔn a na wɔbɛbɔ afɔdeɛ ma Seus no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde ayɛyɛdeɛ bɛma Paulo ne Barnaba mmom. Deɛ enti a wɔfaa Barnaba sɛ Seus ne sɛ na ɔwɔ animuonyam. Wɔfaa Paulo sɛ onyame Hermes ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔkyeame (28.6).