15
Yerusalem Agyinatufoɔ
Ɛberɛ a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi firi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ no kyerɛ no a, morennya nkwa.” Paulo ne Barnaba ne wɔn gyee saa nkyerɛkyerɛ yi ho akyinnyeɛ dendeenden. Saa asɛm yi enti, Paulo ne Barnaba ne Antiokia asafo no mu nnipa bi kɔɔ Yerusalem kɔhunuu asomafoɔ no ne mpanimfoɔ faa saa nkyerɛkyerɛ yi ho. Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanamanmufoɔ gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Nnipa yi tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyee yie. Wɔduruu Yerusalem no, asafo no, asomafoɔ no ne mpanimfoɔ a wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn.
Nanso, Farisifoɔ a wɔabɛyɛ agyidifoɔ no hyɛɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtwa amanamanmufoɔ a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wɔdi Mose mmara no so.
Asomafoɔ no ne mpanimfoɔ no hyiaeɛ, dwenee asɛm yi ho. Wɔdwennwenee ho wieeɛ no, Petro sɔre kasaa sɛ, “Me nuanom, monim sɛ berɛ bi a atwam no, Onyankopɔn yii me firii mo mu sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛte asɛmpa no na wɔagye adi. Sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔnim akoma mu no nam Honhom Kronkron a ɔma ɛbaa yɛn mu no so gyee yɛn too mu no, saa ara na ɔnam Honhom Kronkron no ara so agye amanamanmufoɔ nso atom. Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu. 10 Adɛn enti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduru a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso antumi ansoa no soa agyidifoɔ no de sɔ Onyankopɔn hwɛ? 11 Nanso, yɛgye di sɛ wɔnam Awurade Yesu Kristo adom so na agye yɛn nkwa sɛ wɔn ara.”
12 Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo kaa anwanwadeɛ a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ wɔ amanamanmufoɔ no mu maa nnipa a wɔahyia hɔ no teeɛ no, wɔyɛɛ dinn. 13 Wɔkasa wieeɛ no, Yakobo kaa sɛ, “Anuanom, montie me! 14 Seesei ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn yii amanamanmufoɔ sɛ ne de, de kyerɛɛ dwene a ɔdwene wɔn ho. 15 Adiyifoɔ no nsɛm a wɔkaeɛ no ne yei hyia, sɛdeɛ wɔatwerɛ Atwerɛsɛm no mu sɛ:
16 “ ‘Yei akyi, mɛsane aba
abɛsi Dawid efie a abubu no.
Mɛma deɛ adwirie no so,
na ma sane masi bio,
17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nnipa a wɔaka no,
ne amanamanmufoɔ a me din da wɔn so no bɛhwehwɛ Awurade.’
18 Awurade a ɔdaa yei adi ɛberɛ bi a atwam no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.”
19 Yakobo toaa so sɛ, “Mʼadwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛha amanamanmufoɔ a wɔde wɔn ho rema Onyankopɔn no. 20 Mmom, momma yɛntwerɛ nwoma nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔdi aduane biara a wɔde ama abosom, ɛfiri sɛ, ɛho nte; afei, wɔntwe wɔn ho mfiri adwamammɔ ho, afei, wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na ɔwuiɛ; bio, wɔnnni mogya nso. 21 Ɛfiri tete, Homeda biara, wɔkenkan saa Mose mmara yi wɔ hyiadan mu, na wɔka ɛho nsɛm nso wɔ kuro biara mu.”
Wɔtwerɛ Krataa Kɔma Amanamanmufoɔ
22 Asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne asafo no mu nnipa nyinaa hyiaeɛ, yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyi nnipa bi afiri kuo no mu aka Paulo ne Barnaba ho na wɔakɔ Antiokia. Wɔyii mmarima atitire baanu a wɔn din de Yuda, a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas. 23 Nwoma a wɔde ma wɔkɔeɛ no mu nsɛm nie:
Anuanom amanamanmufoɔ a mote Antiokia, Siria ne Kilikia,
Asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne anuanom a wɔwɔ Yerusalem no kyea mo.
24 Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmmaa wɔn tumi firi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tanee mo ani, haa mo adwene. 25 Yei enti, yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba 26 a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔdeɛ ama Awurade Yesu Kristo no na ɛbɛba. 27 Afei, yɛresoma Yuda ne Silas a wɔbɛba abɛka asɛm korɔ no ara a ɛwɔ nwoma yi mu no akyerɛ mo. 28 Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛdeɛ yi akyi no, yɛremfa adesoa foforɔ bi a emu yɛ duru nnsoa mo; 29 monnni aduane a wɔde ama abosom; saa ara nso na monnni mogya. Monnwe aboa a wɔantwa ne mene na ɔwuiɛ. Bio, montwe mo ho mfiri adwamammɔ ho. Sɛ motumi di saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛbɛsi mo yie.
Yɛsane kyea mo.
30 Wɔgyaa nnipa no kwan maa wɔkɔɔ Antiokia. Wɔduruu hɔ no, wɔhyiaa agyidifoɔ no de nwoma no maa wɔn. 31 Agyidifoɔ no kenkanee nwoma no no, emu nkuranhyɛsɛm no maa wɔn ani gyeeɛ. 32 Yuda ne Silas a wɔyɛ adiyifoɔ no ne anuanom no kasa kyɛreeɛ, hyɛɛ wɔn nkuran. 33 Wɔdii nna kakra wɔ hɔ no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoeɛ mu maa wɔsane kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo. 34 Nanso, Silas de, wankɔ bi*. 35 Paulo ne Barnaba dii nna kakra wɔ Antiokia, boaa anuanom bi maa wɔkyerɛkyerɛeɛ, kaa Awurade asɛm.
Paulo Ne Barnaba Ntam Tete
36 Nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ, “Ma yɛnsane nkɔsra anuanom a wɔwɔ nkuro a yɛaka Awurade asɛm wɔ so no nyinaa nkɔhwɛ sɛdeɛ wɔrekɔ so wɔ gyidie mu.” 37 Barnaba pɛɛ sɛ wɔde Yohane Marko ka wɔn ho kɔ, 38 nanso Paulo ampene so, ɛfiri sɛ, wɔwɔ Pamfilia no, ɔgyaa wɔn hɔ a ɔne wɔn antena hɔ ankɔsi awieeɛ. 39 Akasakasa a emu yɛ den sii wɔn ntam maa wɔn mu teteeɛ. Barnaba faa Marko ne no kɔɔ Kipro 40 na Paulo nso faa Silas. Anuanom no de wɔn hyɛɛ Onyankopɔn adom nsa maa wɔfirii hɔ kɔeɛ. 41 Ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.
* 15:34 15.34 Tete atwerɛ no binom mmfa nkyekyɛmu 34 nka ho.