24
Wɔdi Paulo Asɛm Wɔ Felike Anim
Nnanum akyi no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ne din de Tertulo kɔɔ Kaesarea. Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Amrado Felike nkyɛn de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no too nʼanim. Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro sɛ, “Onimuonyamfoɔ! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa enti, ɛfiri ɛberɛ a wobaeɛ yi, nsakraeɛ pa pii aba yɛn ɔman yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn. Baabiara a yɛwɔ no, yɛka yei ho asɛm na yɛn ani sɔ deɛ woayɛ ama yɛn no da wo ase papaapa. Mempɛ sɛ mesɛe wo berɛ enti mesrɛ wo sɛ nya berɛ tiawa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no.
“Yɛahunu sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfoɔ a ɔde basabasayɛ ba Yudafoɔ nyinaa mu. Ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin. Ɔpɛɛ sɛ ɔgu asɔredan no ho fi. Ɛno enti, yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene sɛ anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn. Nanso, Ɔsafohene Lisia bɛgyee no firii yɛn nsam abrane so, hyɛɛ sɛ wɔmmɛdi nʼasɛm wɔ wʼanim. Sɛ wobisa no a, wo ara ankasa wobɛhunu sɛ nsɛm a yɛreka afa ne ho no nyinaa yɛ nokorɛ.”
Yudafoɔ no nso foaa nsɛm a wɔkaeɛ no so, sɛ ɛyɛ nokorɛ.
Paulo Yi Ne Ho Ano
10 Afei, Amrado no maa Paulo kwan sɛ ɔnyi ne ho ano. Paulo yii ne ho ano sɛ, “Menim sɛ woyɛɛ ɔman yi so ɔtemmufoɔ akyɛre, ɛno enti, sɛ megyina wʼanim reyi me ho ano a, mensuro. 11 Sɛdeɛ ebia woate no, ɛbɛyɛ nnafua dumienu ni a mekɔɔ Yerusalem, kɔɔ asɔredan mu sɛ merekɔsom. 12 Yudafoɔ a wɔde me baa ha yi anhunu me sɛ me ne obi regye akyinnyeɛ wɔ asɔredan mu hɔ anaasɛ meretu nnipa aso wɔ hyiadan mu anaa ɔman no mu baabiara. 13 Saa ara nso na wɔrentumi nkyerɛ sɛ, nsɛm a wɔreka ato me so yi nyinaa yɛ nokorɛ. 14 Nanso, megye tom sɛ me ne nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho a Yudafoɔ yi kasa tia wɔn no som yɛn Agyanom Onyankopɔn. Na megye nsɛm a wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no ne adiyifoɔ nwoma no mu no nso medi. 15 Mewɔ anidasoɔ a saa nnipa yi nso wɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ da bi, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afiri owuo mu. 16 Yei enti, da biara mebɔ mmɔden sɛ mede ahonim pa bɛbɔ me bra Onyankopɔn ne nnipa anim.
17 “Mfeɛ bebree akyi a mefirii Yerusalem no, mesane mebaa hɔ sɛ mede ayɛyɛdeɛ rebrɛ me nuanom na mabɔ afɔdeɛ. 18 Ɛberɛ a madwira me ho awie na megu so rebɔ aseda afɔdeɛ wɔ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi hunuu me. Na matwitwa me tirinwi sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Saa ɛberɛ no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba. 19 Saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bi a wɔfiri Asiaman mu wɔ hɔ. Wɔn na sɛ anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a, ɛsɛ sɛ wɔka. 20 Sɛ saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wɔgyina so buu me fɔ wɔ agyinatufoɔ no anim a, wɔnka. 21 Asɛm baako pɛ na megyina wɔn anim no, mekaeɛ. Saa asɛm no ne sɛ, ‘Gyidie a mewɔ wɔ awufosɔreɛ no mu enti na megye di sɛ morebu me atɛn ɛnnɛ.’ ”
22 Felike a na ɔnim ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no yie no tuu asɛm no hyɛɛ da, kaa sɛ, “Sɛ Ɔsafohene Lisia ba a, mɛdi wʼasɛm no.” 23 Ɔhyɛɛ ɔsraani panin a na ɔhwɛ Paulo so no sɛ ɔmma wɔnwɛn no, nanso wɔmma no ahotɔ kakra. Na sɛ ne nnamfonom de biribiara a ɛho hia no no rebrɛ no a, wɔmma ho kwan.
Paulo Gyina Felike Ne Drusila Anim
24 Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no baeɛ. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Paulo brɛɛ no maa ɔbɛkaa gyidie a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no kyerɛɛ wɔn. 25 Paulo reka tenenee, ahosohyɛ ne Atemmuo da ho asɛm no, Felike suroeɛ enti ɔkaa sɛ, “Kɔ! Akyire yi, sɛ menya adagyeɛ a, mɛsoma mabɛfrɛ wo.” 26 Na Felike ani da so sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no, ɛno enti, na ɔma wɔtaa kɔfrɛ no ntiantia mu ba ne nkyɛn ne no bɔ nkɔmmɔ no.
27 Mfeɛ mmienu akyi no, Porkio Festo bɛsii Felike ananmu sɛ amrado. Esiane sɛ na Felike pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ no ani no enti, ɔgyaa Paulo wɔ afiase hɔ.