25
Festo Di Paulo Asɛm
Festo bɛsii Felike ananmu sɛ amrado wɔ Kaesarea no, ne nnansa so ɔkɔɔ Yerusalem. Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no bɛtoo nʼanim. Esiane sɛ na wɔabɔ Paulo ho pɔ sɛ wɔbɛtɛ no ɛkwan so akum no enti, wɔsrɛɛ no sɛ wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem. Nanso, Festo buaa wɔn sɛ, ɛsiane sɛ Paulo da afiase wɔ Kaesarea na ɛrenkyɛre biara ɔno ankasa bɛkɔ hɔ enti, wɔn a wɔdi asɛm no anim no ne no nkɔ nkɔdi asɛm no wɔ hɔ.
Festo dii bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu ansa na ɔresane aba Kaesarea. Ɔbɛduruu adekyeeɛ no, ɔtenaa adwa mu dii Paulo asɛm. Ɛberɛ a Paulo bɛduruu asɛnniiɛ hɔ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem no twaa ne ho hyiaeɛ firii aseɛ kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ too ne so.
Paulo yii ne ho ano sɛ, “Menni biribiara ho fɔ, ɛfiri sɛ, menkasa ntiaa Yudafoɔ mmara; menguu asɔredan ho fi, ɛnna menkasa ntiaa Roma aban nso.”
Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ no ani enti, ɔbisaa Paulo sɛ, “Wopɛ sɛ mede wo kɔ Yerusalem kɔdi wʼasɛm wɔ hɔ anaa?”
10 Paulo buaa sɛ, “Esiane sɛ Ɔhempɔn Kaesare asɛnniiɛ na megyina enti, ɛha ara na ɛsɛ sɛ wɔdi mʼasɛm, bu me atɛn, ɛfiri sɛ menyɛɛ Yudafoɔ bɔne biara sɛdeɛ wo ara wonim no. 11 Sɛ mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno enti ɛsɛ sɛ wɔbu me kumfɔ a, mensuro. Nanso, sɛ nsɛm a saa Yudafoɔ yi ka tia me no nyɛ nokorɛ a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Medwane metoa Ɔhempɔn Kaesare.”
12 Festo ne ne mpanimfoɔ tuu agyina wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Esiane sɛ woadwane atoa Ɔhempɔn Kaesare no enti, yɛde wo bɛkɔ nʼanim.”
Paulo Ho Nkɔmmɔdie
13 Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba. 14 Wɔwɔ hɔ no, Festo ne Ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaa no odeduani; 15 na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanin kaa nsɛm bi tiaa no sɛ mennyina so mmu no kumfɔ.
16 “Nanso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, Roma mmara mma ho kwan sɛ wɔbu obi fɔ ɛberɛ a wɔnnii nʼasɛm; wɔma no ho kwan na ɔyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho. 17 Wɔbaeɛ no mansɛe berɛ koraa na adeɛ kyeeɛ no, mehyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra na menni nʼasɛm. 18 Nanso, wɔanka nsɛm a mesusuiɛ no mu biara anto ne so. 19 Nsɛm a wɔkaeɛ no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a ɔwuiɛ nanso Paulo ka sɛ ɔte ase no ho. 20 Esiane sɛ na asɛm no kyere mʼadwene no enti, mebisaa Paulo sɛ ɔpɛ sɛ mekɔdi nʼasɛm wɔ Yerusalem anaa? 21 Nanso, Paulo dwane toaa Ɔhempɔn Kaesare. Enti mesane maa wɔde no kɔtoo afiase kɔsi ɛberɛ a metumi de no akɔ Ɔhempɔn Kaesare anim.”
22 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ, “Mepɛ sɛ mʼankasa metie nʼano asɛm.”
Festo ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyena mede no bɛba na woatie nʼano asɛm.”
Paulo Gyina Ɔhene Agripa Anim
23 Adeɛ kyeeɛ no, Ɔhene Agripa ne Berenike de ahyehyɛ ne ahokeka de asraafoɔ mpanimfoɔ ne kuro no mu mpanin kaa ne ho kɔɔ asɛnniiɛ hɔ. Festo hyɛ maa wɔde Paulo baa asɛnniiɛ hɔ. 24 Festo kaa sɛ, “Ɔhene Agripa ne mo a moahyia ha nyinaa, saa ɔbarima yi na Yudafoɔ a wɔwɔ ha ne Yerusalem no aka nsɛm atia no, de no abrɛ me sɛ memmu no kumfɔ no, 25 nanso mannya asɛm biara annyina so a mede bɛbu no kumfɔ. Esiane sɛ ɔno ankasa dwane toaa Ɔhempɔn Kaesare no enti, mayɛ mʼadwene sɛ mede no bɛkɔ nʼanim. 26 Esiane sɛ menni asɛm pɔtee bi a mɛtwerɛ akɔma Ɔhempɔn Kaesare enti, na mede no aba wo Ɔhene Agripa anim sɛ, sɛ wowie wo nhwehwɛmu a, manya biribi agyina so matwerɛ ne ho asɛm. 27 Mennye nni sɛ nteaseɛ wom sɛ mede odeduani bɛkɔ nʼanim a mentwerɛɛ biribi pɔtee bi a ɛtia no!”