3
Obubuafoɔ Bi Ayaresa
Ɛda bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnmiɛnsa a ɛyɛ ɛberɛ a wɔde bɔ mpaeɛ. Wɔreyɛ aduru asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ ano no, wɔhunuu obubuafoɔ bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafoɔ yi de no bɛto ɛpono yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika firi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn. Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmma no biribi. Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ yɛn!” Ɔhwɛɛ wɔn susuu sɛ wɔbɛma no biribi.
Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sika de, menni bi; na deɛ mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ, Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nante!” Afei, Petro de ne nsa nifa sɔɔ ne mu maa ne so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, ne nan no mu yɛɛ den. Ɔhuri gyinaa ne nan so, na ɔhyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Afei, ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehurihuri, rekamfo Onyankopɔn. Nnipa no nyinaa hunuu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. 10 Wɔhunuu no no, wohunuu sɛ ɔno ne ɔdesrɛni a na ɔda asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ no ano no, wɔn ho dwirii wɔn.
Petro Kasa Kyerɛ Nnipa No
11 Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwirii wɔn; enti wɔtuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn, wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ. 12 Ɛberɛ a Petro hunuu nnipadɔm no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Israelfoɔ, adɛn na yei yɛ mo nwanwa? Adɛn enti na mohwɛ yɛn, susu sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yadeɛ? 13 Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn ne yɛn nananom Onyankopɔn ama ne ɔsomfoɔ Yesu ɔsoro animuonyam. Mode no maa atumfoɔ; na ɛberɛ a Pilato yɛɛ sɛ ɔbɛgyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim. 14 Na ɔyɛ Kronkron, ɔtene; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafoɔ mma mo. 15 Enti, mokumm obi a ɔgye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu na yɛyɛ yei ho adansefoɔ. 16 Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafoɔ yi nyaa ahoɔden. Gyidie a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛmaa yɛtumi yɛɛ saa anwanwadeɛ a mohunu yi. Gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ɔgyina mo anim seesei yi.
17 “Afei, me nuanom, menim sɛ deɛ mo ne mo mpanimfoɔ yɛɛ Yesu no, na ɔnim na monnim. 18 Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ so kaa sɛ Agyenkwa no bɛhunu amane. Na ɔnam saa ɛkwan yi so maa ɛbaa mu. 19 Monnu mo ho na monni Onyankopɔn akyi, na ɔde mo bɔne akyɛ mo, 20 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade Honhom mu ahoɔden bɛba na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa no a wayi no ama mo dada no. 21 Sɛdeɛ Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ kronkron so aka dada no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kɔsi sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ foforɔ. 22 Na Mose kaa sɛ, ‘Awurade, mo Onyankopɔn bɛsoma odiyifoɔ aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɔsomaa me a mefiri mo mu no. Ɛsɛ sɛ motie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo. 23 Obiara a wantie deɛ odiyifoɔ no bɛka no, wɔbɛyi no afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho na wɔasɛe no.’
24 “Samuel ne adiyifoɔ a akyire no wɔbaeɛ no nyinaa nso aka asɛm a asi ɛnnɛ yi ho asɛm pɛn. 25 Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifoɔ so hyɛeɛ no yɛ mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mu. Sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Wʼasefoɔ so na menam mɛhyira ewiasefoɔ nyinaa.’ 26 Enti, Onyankopɔn dii ɛkan yii ne ɔsomfoɔ somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnane mfiri mo akwammɔne no so.”