4
Petro Ne Yohane Gyina Asɛnniiɛ
Ɛberɛ a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfoɔ no, asɔfoɔ ne ɔpanin a ɔhwɛ awɛmfoɔ a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifoɔ baa wɔn nkyɛn. Wɔn bo fuu yie, ɛfiri sɛ, na saa asomafoɔ yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afiri owuo mu a ɛkyerɛ sɛ awufoɔ tumi nyane ba nkwa mu. Wɔkyeree asomafoɔ no, nanso ɛsiane sɛ na adeɛ asa enti, wɔde wɔn guu afiase kɔsii adekyeeɛ. Nanso nnipa a wɔtee asɛm no mu dodoɔ no ara bɛyɛ sɛ mpemnum gyee asɛm no diiɛ.
Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ mpanin, mpanimfoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ hyiaa wɔ Yerusalem. Wɔhyiaa Ɔsɔfopanin Anas ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne afoforɔ a wɔfiri Ɔsɔfopanin no abusua mu. Wɔmaa wɔde asomafoɔ baanu yi baa wɔn anim bisaa wɔn sɛ, “Tumi bɛn anaa hwan din na mode yɛɛ yei?”
Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no buaa sɛ, “Ɔman mpanimfoɔ ne atitire. Sɛ ɛnnɛ mogyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɛ maa obubuafoɔ no maa ne ho tɔɔ no no a, 10 ɛnneɛ ɛsɛ sɛ mo ne Israelfoɔ nyinaa hunu sɛ, saa onipa a ɔgyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ɔfiri Nasaret a mobɔɔ no asɛnnua mu na Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den.” 11 Yesu ne onipa a Atwerɛsɛm ka fa ne ho sɛ,
“ ‘Ɛboɔ a mo adansifoɔ poeɛ no a
abɛyɛ tweatiboɔ.’
12 Ɔno nko ara mu na nkwagyeɛ wɔ; ɛfiri sɛ, edin biara nni ewiase ha a nnipa nam so bɛnya nkwagyeɛ.”
13 Ɛyɛɛ agyinatufoɔ no ahodwirie sɛ Petro ne Yohane a wɔnsuaa nwoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasa akokoɔduru so saa. Wɔhunuu sɛ saa asomafoɔ yi ne Yesu nanteeɛ. 14 Nnipa no antumi anka asɛm biara bio, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no ne Petro ne Yohane gyina hɔ. 15 Wɔmaa wɔfirii asɛnniiɛ hɔ ma wɔdwendwenee asɛm no ho. 16 Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwanwadeɛ a yɛrentumi ntwa ho nkontompo. 17 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛ nkɔ afoforɔ nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.”
18 Wɔfrɛɛ asomafoɔ baanu yi baeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ wɔnni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu. 19 Petro ne Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn anaa yɛbɛtie mo no, emu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ? Mo ara mommua mfa. 20 Deɛ yɛahunu ne deɛ yɛate deɛ, yɛrentumi nnyae ho asɛnka.”
21 Agyinatufoɔ no bɔɔ wɔn kɔkɔ bio gyaee wɔn, ɛfiri sɛ, wɔannya biribiara annyina so antwe wɔn aso; afei nso, na nnipa no nyinaa rekamfo Onyankopɔn wɔ asɛm a asi no ho. 22 Na ɔbarima a wɔnam anwanwakwan so saa no yadeɛ no adi boro mfeɛ aduanan.
Agyidifoɔ No Mpaeɛbɔ
23 Wɔgyaee Petro ne Yohane pɛ, wɔkɔɔ agyidifoɔ a aka no nkyɛn kɔkaa deɛ asɔfoɔ mpanin ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn. 24 Ɛberɛ a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Owura, Ɔbɔadeɛ a wobɔɔ ɔsoro, asase ne ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu, 25 wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nana Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so maa ɔkaa sɛ,
“Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu?
Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi?
26 Asase so ahemfo sɔre gyina
na atumfoɔ bom tu agyina
tia Awurade
ne Agyenkwa no.
27 Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ hyiaa wɔ kuro kɛseɛ yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfoɔ Kronkron a woate ne ho no. 28 Wɔhyia yɛɛ biribiara a wonam wo tumi ne wo pɛ so ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba mu no. 29 Afei, Awurade, hwɛ ahunahuna a wɔrehunahuna yɛn yi na ma yɛn a yɛyɛ wʼasomfoɔ yi mfa akokoɔduru nka wʼasɛm yi. 30 Ma wo nsa so fa sa nyarewa, na fa wo ɔsomfoɔ Kronkron Yesu Kristo din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ.”
31 Wɔbɔɔ mpaeɛ wieeɛ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoeɛ. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa ma ma na wɔfirii aseɛ de akokoɔduru kaa Onyankopɔn asɛm.
Agyidifoɔ No Asetena
32 Agyidifoɔ no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa korɔ. Wɔn mu bi anka sɛ nʼankasa ahodeɛ bi yɛ ɔno nko ara dea; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ faeɛ. 33 Asomafoɔ no nam tumi a emu yɛ den so dii Awurade Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ na Onyankopɔn hyiraa wɔn nyinaa. 34 Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuo no mu, ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔwɔ nsase ne afie no tontɔneeɛ de sika a wɔnya firii mu no 35 brɛɛ asomafoɔ no maa wɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ɛho hia obiara.
36 Yosef a na ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro a na asomafoɔ no frɛ no Barnaba, a asekyerɛ ne “Nkuranhyɛ Ba” no, 37 tɔn nʼasase de sika a ɔnyaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no.