6
Wɔyi Asafo No Mu Asomfoɔ
Ɛberɛ bi akyi a na asuafoɔ no redɔɔso no, akasakasa sii Hebrifoɔ a wɔka Arameike ne Hebrifoɔ a wɔka Griik kasa no ntam. Na Hebrifoɔ a wɔka Griik no no asɛm ne sɛ, Hebrifoɔ a wɔka Arameike no nhwɛ wɔn akunafoɔ yie. Enti, asomafoɔ dumienu no frɛɛ asuafoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnsɛ sɛ yɛgyae Onyankopɔn asɛnka kɔkyɛ aduane. Enti, anuanom, monyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wɔnim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no. Yɛn ankasa de, yɛde yɛn adagyeɛ nyinaa bɛbɔ mpaeɛ aka Asɛmpa no.”
Nnipa no nyinaa penee adwene a asomafoɔ no de baeɛ no so. Enti, wɔyii Stefano a na gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma no, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Pamina ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a na ɔwɔ Yudasom no mu. Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafoɔ no maa wɔbɔɔ mpaeɛ de wɔn nsa guu wɔn so.
Nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔn mu dodoɔ no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafoɔ no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no diiɛ.
Wɔkyere Stefano
Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree wɔ asafo no mu. Nanso, da koro bi nnipa bi a wɔfiri Yudafoɔ hyiadan bi a wɔfrɛ no “Ahofadifoɔ Hyiadan” no mu a wɔyɛ Yudafoɔ a wɔfiri Kirene ne Aleksandria ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia no ne Stefano gyee akyinnyeɛ. 10 Nanso, Honhom no maa Stefano nyansa maa ɔde kasaeɛ a obiara antumi anka hwee.
11 Ɛno enti wɔka hyɛɛ nkurɔfoɔ bi ano sɛ, “Yɛtee sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.”
12 Wɔnam saa ɛkwan yi so maa nnipa no ne mpanin no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no sɔre tiaa Stefano. Wɔbɛkyeree Stefano de no kɔɔ badwafoɔ anim. 13 Afei, wɔde nnipa ba bɛdii adansekurumu tiaa Stefano sɛ, “Daa, saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no. 14 Yɛtee mpo sɛ ɔreka sɛ, saa Yesu Nasareni no bɛdwiri yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanneɛ a Mose de maa yɛn no!”
15 Nnipa a na wɔte badwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wɔhunuiɛ sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ anim.