7
Stefano Yi Ne Ho Ano
Ɔsɔfopanin no bisaa Stefano sɛ, “Nsɛm a wɔaka agu wo so no nyinaa yɛ nokorɛ anaa?”
Stefano buaa sɛ, “Anuanom ne agyanom, montie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebɛfiri Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanimuonyam adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Firi wʼabusuafoɔ nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’
“Enti, ɔfirii Kaldea asase so kɔtenaa Haran. Abraham agya wuo akyi no, Onyankopɔn maa ɔbɛtenaa asase a mote so seesei yi so. Onyankopɔn amfa asase no fa baabiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa dea. Nanso, Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefoɔ nyinaa dea. Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi no, na ɔnni mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Wʼasefoɔ bɛtena ananafoɔ asase so ayɛ nkoa wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan. Na mɛtwe ɔman a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wɔbɛfiri saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’ Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Yei enti, wɔwoo Isak nnawɔtwe akyi no, wɔtwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara nso na Yakob twitwaa agyanom mpanin dumienu no twetia.
“Agyanom mpanin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no maa ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso, ɛsiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa enti, 10 ɔyii no firii ne haw nyinaa mu. Ɛberɛ a Yosef bɛpuee Misraimhene Farao anim no, Onyankopɔn dom no ahobrɛaseɛ ne nyansa. Yei maa Farao yɛɛ Yosef ɔman no so amrado ne ahemfie hɔ sohwɛfoɔ.
11 “Saa ɛberɛ no mu, ɛkɔm kɛseɛ ne ahohia sii Misraim ne Kanaan asase nyinaa so a na yɛn agyanom nnya aduane mpo nni. 12 Enti, ɛberɛ a Yakob tee sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom maa wɔkɔɔ hɔ deɛ ɛdi ɛkan. 13 Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so maa Farao hunuu Yosef abusuafoɔ. 14 Yosef kraa nʼagya Yakob sɛ ɔne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduɔson enum. 15 Afei Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwuiɛ. 16 Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kɔsiee wɔn wɔ Abraham asieeɛ bi a ɔtɔ firii Hamor abusua mu no mu.
17 “Ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no berɛ reduru no, na yɛn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Misraim no ase atrɛ. 18 Akyire no, ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ wɔ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm. 19 Saa ɔhene yi de atirimuɔden dii yɛn agyanom so, hyɛɛ wɔn maa wɔtotoo wɔn mma guiɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛwuwu.
20 “Saa ɛberɛ yi mu na wɔwoo Mose a na ɔkura Onyankopɔn animuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ nʼagya efie abosome mmiɛnsa, 21 na wɔyii no firii hɔ no, Farao babaa kɔfaa no de no baa ne fie hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba. 22 Wɔtetee no Misraimfoɔ nimdeɛ mu maa ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛeɛ mu.
23 “Mose dii mfeɛ aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfoɔ. 24 Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no ma Mose kumm Misraimni no. 25 Mose susuu sɛ nʼankasa nkurɔfoɔ bɛhunuu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho, nanso wɔante aseɛ. 26 Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Israelfoɔ baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na moatwa mo ho reko? Monnim sɛ moyɛ anuanom anaa?’
27 “Deɛ ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ? 28 Wopɛ sɛ wokum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no anaa?’ 29 Ɛberɛ a Mose tee saa asɛm yi no, ɔtu firii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmammarima baanu.
30 “Mfeɛ aduanan akyi no, ɔbɔfoɔ bi nam wira bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ ɛserɛ bi a ɛbɛn bepɔ Sinai no so. 31 Deɛ Mose hunuiɛ no maa ne ho dwirii no enti ɔtwe bɛn ho pɛɛ sɛ ɔhwɛ no yie. Ɔtee Awurade nne sɛ, 32 ‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn.’ Ehu kaa Mose enti wantumi anhwɛ.
33 “Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Worɔ wɔ mpaboa, ɛfiri sɛ, faako a wogyina no yɛ asase kronkron. 34 Mahwɛ na mahunu atirimuɔden a wɔde yɛ me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no. Mate apinie a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebɛgye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’
35 “Saa Mose yi ne obi a Israelfoɔ poo no ɛberɛ a wɔbisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ no?’ Ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ wira a ɛrehyeɛ no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanin ne ɔgyefoɔ. 36 Ɔno na ɔnam anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ so yii Israelfoɔ firii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no dii wɔn anim wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan no.
37 “Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn somaa me no, saa ara na ɔbɛyi odiyifoɔ a ɔte sɛ me afiri mo mu aba mo nkyɛn. 38 Ɔno ne obi a ɔne Israelfoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ ɛserɛ no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔ no so no, na na saa ɛberɛ no wɔwɔ hɔ. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wɔ mu no de brɛɛ yɛn.
39 “Nanso, yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsane kɔ Misraim asase so bio. 40 Enti, wɔka kyerɛɛ Aaron, sɛ, ‘Yɛ ahoni bi a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛnnim asɛm a ato saa Mose a ɔyii yɛn firii Misraim asase so no!’ 41 Wɔyɛɛ nantwie ba sɛso ohoni bi bɔɔ afɔdeɛ maa no, gyee wɔn ani sɛdeɛ ɛsɛ. 42 Onyankopɔn twee ne ho firii wɔn ho ma wɔsomm ɔsoro nsoromma sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ adiyifoɔ nwoma mu sɛ,
“ ‘Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me
mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?
43 Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame
ne mo honi Rɛfan so;
wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.
Saa enti, mɛpam mo makɔgu Babilonia akyi.’
44 “Saa ɛberɛ no na ntomadan a ɛdi adanseɛ sɛ Onyankopɔn ka ne manfoɔ ho no ka yɛn agyanom ho wɔ ɛserɛ so hɔ. Mose sii ntomadan yi sɛdeɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnsi no no ara pɛ. 45 Akyire yi, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntomadan no baa asase a Onyankopɔn pamoo so nnipa de maa wɔn no so. Ɛsii hɔ ara kɔsii Dawid ɛberɛ so. 46 Onyankopɔn hyiraa Dawid enti ɔbisaa Onyankopɔn sɛ ɔmma ɔnsi asɔredan mma Yakob Onyankopɔn. 47 Nanso, Salomo na ɔsii dan no maa Onyankopɔn.
48 “Nanso, ɔsorosoro Onyankopɔn nte ɛdan a nnipa asi mu, sɛdeɛ odiyifoɔ no ka sɛ,
49 “ ‘Ɔsoro yɛ mʼahennwa,
na asase yɛ me nan ntiasoɔ.
Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me?
Awurade na ɔseɛ.
Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?
50 Ɛnyɛ mʼankasa na meyɛɛ yeinom nyinaa?’
51 “Mo asoɔdenfoɔ, mo a mo akoma apirim na montie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso, daa mosi Honhom Kronkron no ho kwan. 52 Odiyifoɔ bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no anaa? Wɔkumm Onyankopɔn asomafoɔ a wɔdii ɛkan bɔɔ ɔteneneeni a ɔbɛba no ho dawuro. Saa ara nso na moapa no, akum no. 53 Mo ara ne nnipa a monam abɔfoɔ so nyaa Onyankopɔn mmara no, nanso moanni so.”
Wɔsi Stefano Aboɔ
54 Agyinatufoɔ no tee asɛm a Stefano kaeɛ no, wɔn bo fuu yie. 55 Nanso, Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro hunuu Onyankopɔn animuonyam ne Yesu Kristo sɛ ɔgyina Onyankopɔn nsa nifa so. 56 Stefano kaa sɛ, “Mehunu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!”
57 Wɔteateaam de wɔn nsa sisii wɔn aso. Afei, wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔto hyɛɛ ne so, 58 twee no kɔɔ kurotia kɔsii no aboɔ. Wɔn a wɔsii no aboɔ no yiyii wɔn ntoma de maa aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so.
59 Wɔresi Stefano aboɔ no nyinaa na ɔrebɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” 60 Afei, ɔbuu nkotodwe teaam denden sɛ, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔwuiɛ.