11
Monsua me sɛdeɛ mesua Kristo no.
Mmaa Kyɛfa
Mekamfo mo, ɛfiri sɛ, ɛberɛ biara, mokae me di me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛɛ mo no so. Na mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, ɔbarima tiri ne Kristo, na ɔbarima yɛ ɔbaa tiri, nanso Kristo tiri ne Onyankopɔn. Enti, ɔbarima biara a ɔkata ne tiri so bɔ mpaeɛ anaa ɔka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no gu Kristo anim ase. Na ɔbaa a ɔnkata ne tiri so na ɔbɔ mpaeɛ ka Onyankopɔn asɛm wɔ badwam no nso gu ne kunu anim ase. Nsonsonoeɛ biara nna ɔne ɔbaa a wayi ne tirinwi no ntam. Sɛ ɔbaa no nkata ne tiri so a, ɛsɛ sɛ ɔtwitwa ne tirinwi gu. Esiane sɛ ɛyɛ animguaseɛ sɛ ɔbaa bɛyi ne tirinwi anaa ɔbɛtwitwa agu no enti, ɛsɛ sɛ ɔkata so.
Ɛho nhia sɛ ɔbarima bɛkata ne tiri so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn animuonyam ne ne sɛso na wɔammɔ ɔbarima amfiri ɔbaa mu, na mmom, wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu. Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbaa enti na wɔbɔɔ ɔbarima, nanso ɔbaa deɛ, ɔbarima enti na wɔbɔɔ no. 10 Esiane saa asɛm yi ne abɔfoɔ no enti, ɛsɛ sɛ ɔbaa nya nkatasoɔ bi wɔ ne tiri so, de kyerɛ sɛ ɔhyɛ tumi bi ase. 11 Yɛn asetena wɔ Awurade mu no, ɔbaa nne ne ho ɛnna ɔbarima nso nne ne ho. 12 Na sɛdeɛ wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbaa woo ɔbarima, na biribiara nso firi Onyankopɔn.
13 Ɛyɛ sɛ ɔbaa bɛbɔ mpaeɛ afrɛ Onyankopɔn wɔ badwa mu a biribiara nkata ne tiri so anaa? Mo ara mommua mfa. 14 Ɛnyɛ saa abɔdeɛ korɔ no ara na ɛka sɛ, sɛ ɔbarima tiri fu bebree a, ɛyɛ animguaseɛ ma no no? 15 Nanso, sɛ ɔbaa deɛ, ne tiri fu pii a, ɛyɛ animuonyam ma no no? Wɔama no nwi pii sɛ akatasoɔ. 16 Nanso, sɛ obi pɛ sɛ ɔgye ho akyinnyeɛ a, asɛm a mewɔ ka wɔ ho ara ne sɛ, yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni ɛkwan foforɔ biara a wɔfa so som.
Adidi Kronkron
17 Nhyehyɛeɛ a ɛdidi so yi a mereka akyerɛ mo yi, menkamfo mo, ɛfiri sɛ, mo asafo nhyiamu de ɔhaw brɛ mo mmom. 18 Deɛ ɛdi ɛkan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asie wɔ mo nhyiamu mu na megye di sɛ nokorɛ kakra wɔ mu. 19 Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛdeɛ nokorɛ bɛda adi. 20 Sɛ mohyia sɛ kuo a, momma sɛ morebɛdi Awurade Adidi no. 21 Na mogu so redidi no, obiara di nʼaduane wɔ ɛberɛ a ɛkɔm de ebinom na afoforɔ nso aboboro nsã. 22 Mo ara monni afie a modidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mogu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a adeɛ ahia wɔn no anim ase? Ɛdeɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo!
23 Awurade nkyɛn na menya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no sɛ, Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa burodo 24 na ɔdaa Onyankopɔn ase no, ɔbuu mu kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede ma mo. Monyɛ yei mfa nkae me.” 25 Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkaa sɛ, “Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforɔ a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Ɛberɛ biara a mobɛnom no, momfa nkae me.” 26 Ɛberɛ biara a mobɛdi burodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wuo no ho asɛm kɔsi sɛ ɔbɛba.
27 Ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi di Awurade burodo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɛkwan a ɛmfata so a, ɔdi Awurade onipadua ne ne mogya no ho fɔ. 28 Enti ansa na obiara bɛdi burodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ. 29 Na sɛ wammu Awurade onipadua no na ɔdi nom firi kuruwa no mu a, ɔdi nom de atemmuo ba nʼankasa so. 30 Ɛno enti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛ na mo mu pii awuwu no. 31 Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmuo mu. 32 Nanso, Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛdeɛ ɔremmu yɛne ewiase nyinaa fɔ.
33 Ɛno enti, me nuanom, sɛ mohyia sɛ morekɔ Awurade Adidi no a, montwɛn mo ho mo ho. 34 Sɛ ɛkɔm de obi a, ɔnnidi wɔ efie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔ wɔn nhyiamu no ase.
Nsɛm a aka no, sɛ meba a, mɛka ho asɛm.