12
Honhom Kronkron No Akyɛdeɛ
Me nuanom, merebɛkyerɛ mo nsɛm a ɛfa Honhom Kronkron no akyɛdeɛ no mu. Anuanom, mepɛ sɛ mohunu nokorɛ no. Monim sɛ ɛberɛ a na moyɛ abosonsomfoɔ no na ahoni a awuwu na ɛdi mo so de mo kɔ bɔne mu. Deɛ ɛsɛ sɛ mote aseɛ ne sɛ, obiara a ɔwɔ Onyankopɔn Honhom akwankyerɛ no ka sɛ “Yesu yɛ Awurade,” na ɔnnome Yesu.
Ɛwom sɛ Honhom Kronkron no ara na ɛkyɛ akyɛdeɛ no, nanso saa akyɛdeɛ no gu ahodoɔ. Akwan ahodoɔ bebree wɔ hɔ a wɔfa so som, nanso Awurade korɔ no ara na wɔsom no. Tumi ahodoɔ bebree wɔ hɔ a wɔnam so som, nanso Onyankopɔn korɔ no ara na ɔma obiara tumi ma wɔde som.
Honhom Kronkron no nam yɛn mmaako mmaako so da ne ho adi ɛkwan bi so ma ɛboa yɛn nyinaa. Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahunu. Saa Honhom Kronkron no ara ma obi gyidie na ɔma obi nso tumi a ɔde sa nyarewa. 10 Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔyɛ anwanwadeɛ; obi nso, ɔma no tumi ma ɔka Onyankopɔn asɛm; na ɔfoforɔ nso ɔma no tumi ma ɔtumi kyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda akyɛdeɛ a ɛfiri Honhom Kronkron no ne deɛ ɛmfiri Honhom Kronkron no mu. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔka kasa foforɔ na ɔma ɔfoforɔ nso tumi ma ɔkyerɛ kasa foforɔ no ase. 11 Ɛyɛ Honhom Kronkron korɔ no ara na ɔyɛ yeinom nyinaa; akyɛdeɛ ahodoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde ma obiara no, ɔde ma no.
Nipadua Korɔ
12 Kristo te sɛ nipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwom sɛ ɛwɔ akwaa bebree, nanso ɛyɛ onipadua korɔ no ara. 13 Wɔnam saa ɛkwan korɔ no ara so abɔ yɛn Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron korɔ no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipadua korɔ no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn sɛ yɛnnom. 14 Nipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree.
15 Sɛ nan ka sɛ, “Esiane sɛ menyɛ nsa enti, menka onipadua no ho” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ onipadua no fa bi. 16 Na sɛ aso ka sɛ, “Esiane sɛ menyɛ aniwa enti, menka onipadua no ho” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ onipadua no fa bi. 17 Na sɛ onipadua no nyinaa yɛ aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na sɛ ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahua adeɛ? 18 Sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ no no na ɔde akwaa biara siiɛ. 19 Sɛ onipadua no nyinaa yɛ akwaa korɔ a, anka onipadua no bɛyɛ ɛdeɛn? 20 Sɛdeɛ ɛte no, akwaa gu ahodoɔ, nanso onipadua no yɛ baako pɛ.
21 Yei enti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ, “wo ho nhia me!” Saa ara na etire rentumi nka nkyerɛ nan sɛ, “Wo ho nhia me!” 22 Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛ no nka ho mma ɛnyɛ yie. 23 Akwaa a yɛsusu sɛ ɛnni mu pii no mmom na yɛhwɛ no yie, na deɛ ɛnyɛ fɛ wɔ onipadua ho no nso yɛhwɛ no yie pa ara. 24 Na akwaa a ɛdi mu no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam ɛkwan bi so akeka onipadua no asisi animu de ahyɛ akwaa a wɔmmuo no animuonyam. 25 Enti nkyekyɛmu biara nni onipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho bom. 26 Sɛ akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na sɛ wɔkamfo akwaa no bi a, anigyeɛ ka akwaa a aka no nyinaa.
27 Enti mo nyinaa moyɛ Kristo onipadua. Na mo mu biara yɛ nʼakwaa. 28 Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu: Deɛ ɛdi ɛkan, asomafoɔ; deɛ ɛtɔ so mmienu, adiyifoɔ; deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; afei wɔn a wɔyɛ anwanwadeɛ ɛnna wɔn a wɔama wɔn tumi de sa yadeɛ anaa wɔboa afoforɔ anaa wɔkyerɛ wɔn ɛkwan anaa wɔka kasa foforɔ. 29 Wɔn nyinaa nyɛ asomafoɔ anaa adiyifoɔ anaa akyerɛkyerɛfoɔ. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ tumi a wɔde yɛ anwanwadeɛ 30 anaa wɔsa nyarewa, anaa wɔka kasa foforɔ anaa wɔkyerɛ deɛ wɔka no ase. 31 Monhwehwɛ akyɛdeɛ a ɛbɛboa mo yie akyiri kwan.
Ɔdɔ
Mɛkyerɛ mo ɛkwan foforɔ a ɛyɛ pa ara.