8
Nnuane A Wɔde Ma Ahoni
Asɛm a ɛfa nnuane a wɔde ma ahoni ho nso nie: Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Nanso, saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan; ɔdɔ deɛ, ɛma nkɔsoɔ. Onipa a ɔgye ne ho di sɛ ɔnim biribi no nnim sɛdeɛ anka ɛsɛ sɛ ɔhunu. Nanso, onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no.
Enti, nnuane a wɔde ma ahoni a wɔdi no, yɛnim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yɛnim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ. Nneɛma bebree wɔ soro ne asase so a yɛfrɛ wɔn anyame ne awuranom, nanso wɔn mu biara nyɛ anyame anaasɛ awuranom. Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ adeɛ nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ adeɛ nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.
Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔnim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kɔsi sɛ, sɛ wɔdi saa nnuane no a, wɔnim pefee sɛ ohoni aduane na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛ enti, wɔgye di nso sɛ aduane no gu wɔn ho fi. Ɛnyɛ aduane a yɛdie no na ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛanni saa aduane no a, yɛntɔ sin, ɛnna sɛ yɛdi nso a, yɛn mmoro so.
Monhwɛ yie na moamma mo ahofadie no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛ wɔ gyidie mu no ankɔ bɔne mu. 10 Sɛ ɛba sɛ obi a nʼahonim yɛ mmerɛ wɔ saa asɛm yi mu hunu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkɔdi aduane a wɔde ama ahoni no bi anaa? 11 Enti, saa onipa a ɔyɛ mmerɛ yi a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, ɛsiane wo “nimdeɛ” enti ɔbɛyera! 12 Na ɛnam saa ɛkwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom. Sɛ ɛba saa a, woyɛ bɔne tia Kristo nso, ɛfiri sɛ wonam wɔn adwenem mmerɛ so adaadaa wɔn. 13 Enti, sɛ aduane ma me nua yɛ bɔne a, merenwe ɛnam bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu.