9
Ɔsomafoɔ Dwumadie
Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafoɔ anaa? Menhunuu Yesu yɛn Awurade anaa? Na monyɛ me nsa ano adwuma wɔ Awurade mu anaa? Na sɛ afoforɔ mpo nnye me ntom sɛ ɔsomafoɔ a, mo deɛ, mogye me tom saa. Sɛdeɛ mo ankasa mo abrabɔ te wɔ Awurade mu no di ho adanseɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ.
Sɛ nnipa ka me ho asɛm a, saa ɛkwan yi so na mefa yi me ho ano. Menni ho ɛkwan sɛ mʼadwuma enti, wɔma me aduane di ma me nsuo nom anaa? Menni ho ɛkwan sɛ meyɛ deɛ asomafoɔ a aka no yɛeɛ no bi, sɛdeɛ Awurade nuanom ne Petro yɛeɛ, na meware Okristoni baa de no ka me ho tu mʼakwan yi? Anaasɛ Barnaba ne me nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma de bɔ yɛn ho akɔnhoma?
Ɔsraani bɛn na ɔtua ɔno ankasa ne ho ka wɔ ɛberɛ a ɔdi sraa? Okuafoɔ bɛn na ɔnni nʼafuo mu nnɔbaeɛ bi? Odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔnnom ne nnwan a ɔyɛn wɔn no nufosuo bi? Ɛnsɛ sɛ meti nhwɛsoɔ a ɛwɔ yɛn abrabɔ dada no mu ɛfiri sɛ, Mmara no ka asɛm korɔ no ara. Yɛkan wɔ Mose Mmara no mu sɛ, “Sɛ wode nantwie retiatia aburoo so a, nkyekyere nʼano.” Nantwie ho asɛm na ɛhia Onyankopɔn anaa? 10 Anaasɛ na asɛm a ɔreka no fa yɛn ho? Nokorɛm wɔtwerɛɛ yei de maa yɛn. Onipa a ɔfuntum ne deɛ ɔtwa aba no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ wɔn adwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya wɔn kyɛfa wɔ wɔn dwumadie no mu. 11 Yɛadua honhom aba wɔ mo mu na sɛ yɛnya ewiase nnepa firi mo nkyɛn a, ɛdɔɔso dodo anaa? 12 Na sɛ afoforɔ wɔ tumi sɛ wɔhwɛ yeinom anim firi mo nkyɛn a, yɛn deɛ, yɛnni tumi a ɛboro saa?
Nanso, yɛnni saa tumi yi ho dwuma biara. Mmom, yɛatena ase saa ara sɛdeɛ yɛremfa suntidua biara nto asɛmpa a ɛfa Kristo ho no.
13 Monim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no nya wɔn aduane firi asɔredan mu, na wɔn nso a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so no nso nya wɔn afɔrebɔdeɛ. 14 Saa ara nso na Awurade ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no nya wɔn asetena firi mu.
15 Nanso, menkaa saa asɛdeɛ yi ho hwee. Ɛnyɛ sɛ meretwerɛ seesei sɛ meregye saa asɛdeɛ no afa. Ɛnneɛ anka mɛdi ɛkan mawu. Obiara rentumi mfa mʼasɛdeɛ no nni agorɔ. 16 Menni tumi sɛ, ɛsiane sɛ meka asɛmpa no enti, mehoahoa me ho. Mehyɛ mmara ase na meka asɛmpa no. Na sɛ manka asɛmpa no a, mɛhunu amane. 17 Sɛ meyɛ adwuma no sɛdeɛ ɛfiri mʼankasa me pɛ mu a, na ɛsɛ sɛ mehwɛ akatua anim. Nanso meyɛ no sɛ mʼadwuma, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔde ato me so. 18 Ɛnneɛ, na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ menya? Ɛyɛ ahohoahoadeɛ sɛ wobɛka asɛmpa no na wonnye hwee na wommisa asɛdeɛ biara nso.
19 Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso, meyɛ me ho obiara akoa sɛdeɛ mɛsesa akra dodoɔ biara a mɛtumi. 20 Ɛberɛ a me ne Yudafoɔ te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Mʼankasa nso na menhyɛ Mose Mmara ase, nanso metenaa ase sɛdeɛ Mose Mmara di me so sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn. 21 Saa ara na mekɔfraa amanamanmufoɔ mu no nso meyɛɛ me ho sɛ wɔn ara pɛ, sɛdeɛ mɛtumi matwetwe wɔn aba me nkyɛn. Yei nkyerɛ sɛ menni Onyankopɔn Mmara so; mehyɛ Kristo Mmara ase. 22 Wɔn a wɔn gyidie yɛ mmerɛ no, meyɛɛ sɛ wɔn ara sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛdeɛ ɛfata biara maa nnipa nyinaa, sɛdeɛ mɛtumi afa ɛkwan biara a ɛbɛyɛ yie so magye wɔn mu bi nkwa. 23 Asɛmpa no enti na meyɛɛ yeinom nyinaa na manya mu nhyira bi.
24 Monim sɛ mmirika akansie mu, mmirikatufoɔ no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na ɔnya akradeɛ no. Enti, tu mmirika no ɛkwan bi so na nya akradeɛ no. 25 Obiara a ɔsi agodie mu akan no siesie ne ho di mmara so. Ɔyɛ saa sɛdeɛ ɔbɛnya ahenkyɛ a ɛrenkyɛre, nanso yɛn deɛ yi deɛ, ɛbɛkyɛ akɔsi daapem nyinaa. 26 Ɛno enti na meretu mmirika kɔ mʼanim tee akɔwie no. Ɛno enti na mete sɛ okuturukubɔni a ne kuturuku mfom no. 27 Mebɔ mmɔden hyɛ me onipadua so na medi no nya, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meka Asɛmpa no kyerɛ afoforɔ a me nso merenyɛ deɛ ɛmfra.