2
Enti, meyɛɛ mʼadwene sɛ meremma mo nkyɛn bio mmɛhyɛ mo awerɛhoɔ. Sɛ mebɛhyɛ mo awerɛhoɔ a, hwan na ɔbɛkyekyere me werɛ? Me ara a mahyɛ mo awerɛhoɔ no anaa? Saa enti na metwerɛɛ saa krataa no brɛɛ mo. Na mempɛ sɛ meba mo nnipa korɔ no ara a mobɛgye mʼani no nkyɛn bɛhyɛ mo awerɛhoɔ. Menim yie sɛ, sɛ me ho tɔ me a, mo nso mo ho bɛtɔ mo. Mede amanehunu, awerɛhoɔ ne nisuo na ɛretwerɛ mo saa krataa yi. Mantwerɛ mammɛhyɛ mo awerɛhoɔ na mmom, metwerɛ de bɛkyerɛɛ ɔdɔ a medɔ mo nyinaa.
Bɔne Fakyɛ
Sɛ obi ahyɛ afoforɔ awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhoɔ no, na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhoɔ no. Mempɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ saa onipa no so. Asotwe a dodoɔ no ara atwe no no dɔɔso ma no. Ɛsɛ sɛ mode kyɛ no na mokyekyere ne werɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a awerɛhoɔ renhyɛ ne so. Mesrɛ mo, momma ɔnhunu sɛ mopɛ nʼasɛm pa ara.
Hwan Na Ɔyɛ Ma Saa Dwumadie Yi?
Deɛ enti a metwerɛ mo krataa no ne sɛ: Mepɛ sɛ mehunu sɛ moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, modi so anaa. 10 Sɛ obi yɛ bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Sɛ ɛho hia sɛ mede kyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ sɛ mede biribiara kyɛ. Na mo enti na meyɛ saa wɔ Kristo anim 11 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho ɛkwan, ɛfiri sɛ, yɛnim ne nsusuiɛ.
12 Ɛberɛ a meduruu Troa kɔkaa Asɛmpa no, mehunuu sɛ Awurade ama adwuma no yɛ ho ɛkwan wɔ hɔ. 13 Nanso, me werɛ hoeɛ, ɛfiri sɛ, na menhunu yɛn nua Tito. Enti, mekraa nnipa a wɔwɔ hɔ no na mesiim mekɔɔ Makedonia.
14 Yɛda Onyankopɔn ase sɛ daa ɔto yɛn santene wɔ anigyeɛ ne nkonimdie wɔ Kristo mu ma yɛyi hwa a ɛyɛ hwam. Onyankopɔn nam yɛn so ma Kristo ho asɛm trɛ kɔ baabiara sɛ aduhwam. 15 Yɛte sɛ aduhwam a Kristo de ama Onyankopɔn a ɛtrɛ kɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera mu. 16 Na wɔn a wɔreyera no deɛ, ɛyɛ wɔn hwa bɔne a ɛtumi kum. Nanso, wɔn a wɔregye wɔn nkwa no, ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ hwam a ɛma wɔn nkwa. Hwan na ɔbɛtumi agyina adwuma a ɛyɛ den sei anim? 17 Yɛnte sɛ nnipa afoforɔ bi a wɔfa Onyankopɔn asɛm sɛ adetɔndeɛ bi, na ɛsiane sɛ Onyankopɔn asoma yɛn no enti, yɛka nokorɛ wɔ nʼanim sɛ Kristo asomfoɔ.